Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 7:3 - Twerɛ Kronkron

3 Wɔde wɔn bɔneyɛ ma ɔhene ani gye, na wɔde wɔn atorosɛm yɛ mmapɔmma saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Wɔde atirimɔdensɛm gyigye ɔhene no ani, na wɔde atoro nso gyigye ahenemma no ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Wɔde wɔn bɔneyɛ ma ɔhene ani gye, na wɔde wɔn atorosɛm yɛ mmapɔmma saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Wɔde atirimuɔdensɛm gyegye ɔhene no ani, na wɔde atorɔ nso gyegye ahenemma no ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Wɔde wɔn bɔneyɛ ma ɔhene ani gye, na wɔde wɔn atosɛm yɛ mmapɔmma saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 7:3
16 Iomraidhean Croise  

Na ɔbɔfoɔ a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, adiyifoɔ no nyinaa de ano korɔ ka asɛmpa kyerɛ ɔhene, ma wo nsɛm nyɛ sɛ wɔn mu baako deɛ, na ka deɛ ɛyɛ!


Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifoɔ no ano, wɔbɛyɛ mmarima ahanan, na ɔbisaa wɔn sɛ: Menkɔ Ramot-gilead menkɔko anaasɛ mennyae? Na wɔkaa sɛ: Foro kɔ, na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa.


Na ɛhefa na mo adiyifoɔ a wɔhyɛɛ mo nkɔm sɛ: Babel hene remma mo ne asase yi so, no wɔ?


Adiyifoɔ hyɛ nkɔntorɔ, na asɔfoɔ nam wɔn pɛ so di wɔn koko so asɛm; me man nso pɛ no saa, nanso n’awieeɛ no mobɛyɛ no dɛn?


Sɛ merenya akwantemfoɔ asoɛeɛ wɔ anwea pradada so ɛ! Anka mɛgya me man hɔ, na mafiri wɔn nkyɛn makɔ! ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, nkɔnkɔnsafoɔ asafo.


Moafuntum abɔnefosɛm, mmusuo na moatwa, moadi atorɔ aba. Na wode wo ho too wo kwan, wo nnɔmmarima dodoɔ no so.


Efraim de atorɔ na Israel fie de nsisie atwa me ho ahyia, nanso Yuda deɛ ɔbɔ Onyankopɔn, Ɔkronkronni ne Nokwafoɔ no ho kɔntɔnkrɔn.


Ntanka, nkontompo, awudie, korɔno ne awaresɛeɛ na ɛwɔ hɔ. Wɔdi akakabensɛm na mogyahwieguo toa mogyahwieguo so.


Wɔhyɛ Efraim so, wɔapɛkyɛ no atemmuo mu, ɛfiri sɛ waboapa adi n’ahuhudeɛ akyi.


Yɛn hene afahyɛ da mu no, nsaborɔ bɔɔ mmapɔmma yadeɛ. Ɔne afɛdifoɔ di nsawɔsoɔ.


Ɛfiri sɛ wodi Omri ahyɛdeɛ ne Ahab fie nneyɛɛ nyinaa so, na wonenam wɔn agyinatuo mu, deɛ ɛbɛyɛ na mayɛ wo ahodwirie ne emufoɔ no nso hwerɛmabɔ, na woasoa me man ahohora.


Wɔn nsa gu bɔne so sɛ ɛnyɛ yie; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufoɔ pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛseɛ ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, sɛdeɛ wɔbom nwono amumuyɛ ne no.


Na wɔnim Nyankopɔn ahyɛdeɛ yie sɛ owuo na ɛsɛ wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma yi deɛ, nanso ɛnyɛ yɛ nko ara na wɔyɛ, na mmom wɔpene wɔn a wɔyɛ saa adeɛ no bi no so.


Wɔn deɛ, wɔfiri wiase. Yei nti na wɔfiri wiase kasa, na wiase tie wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan