Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 2:13 - Twerɛ Kronkron

13 Na mɛba mabɛtwe no nna a ɔdi maa Baalim no ho aso, sɛ ɔhyee aduhwam maa wɔn, na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinneɛ kekaa ne ho, na ɔdii n’adɔfo akyi, na me deɛ, ne werɛ firii me no, AWURADE asɛm nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Mɛtwe nʼaso wɔ nna a ɔhyew aduhuam maa Baal no ho; ɔde nkaa ne agude hyehyɛɛ ne ho, tu dii nʼadɔfo akyi, me de, ne werɛ fii me,” nea Awurade se ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 Na mɛba mabɛtwe no nna a ɔdi maa Baalim no ho aso, sɛ ɔhyee aduhwam maa wɔn, na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinneɛ kekaa ne ho, na ɔdii n’adɔfo akyi, na me deɛ, ne werɛ firii me no, AWURADE asɛm nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Mɛtwe nʼaso wɔ nna a ɔhyee aduhwam maa Baal no ho; ɔde nkawa ne agudeɛ hyehyɛɛ ne ho, tu dii nʼadɔfoɔ akyi, medeɛ ne werɛ firii me,” deɛ Awurade seɛ nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na mɛba mabɛtwe no nna a odi maa Baalim no so aso, sɛ ɔhyew aduhuam maa wɔn, na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinne kekaa ne ho, na odii n’adɔfo akyi, na me de, ne werɛ fii me no, AWURADE asɛm ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 2:13
44 Iomraidhean Croise  

Na Ahasia firii n’abansoro dan a ɛwɔ Samaria no mpomma mu te hwee fam, na ɔyaree; na ɔsomaa abɔfoɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔbisa Ekron nyame Baalsebub, sɛ mɛnya yadeɛ yi mu nkwa anaa?


Saa na Yehu sɛee Baal firii Israel.


Na ɔsane sisii sorɔnsorɔmmea a n’agya Hesekia sɛesɛee no na ɔsisii afɔrebukyia maa Baal, na ɔyɛɛ Asera nnua sɛdeɛ Israelhene Ahab yɛeɛ no, na ɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa na ɔsom wɔn.


Saa ara na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn nyinaa akwan teɛ, na ɔbɔnefoɔ anidasoɔ bɛyera,


Wɔn werɛ firii ne nneyɛɛ ntɛm, wɔantwɛn n’agyinatuo.


Wɔn werɛ firii Onyankopɔn a ɔgyee wɔn na ɔyɛɛ nnoɔma akɛseɛ Misraim,


Na wɔn werɛ firii ne nneyɛɛ ne n’anwanwadeɛ a ɔde kyerɛɛ wɔn no.


Na afei kɔ, na kɔgya ɔman no kɔ deɛ maka makyerɛ woɔ no; hwɛ, me bɔfoɔ bɛdi w’anim; nanso da a mɛba abɛhwɛ wɔn no, mɛtua wɔn wɔn bɔne so ka.


Ɛfiri sɛ wo werɛ afiri wo nkwagyeɛ Nyankopɔn, na w’ahoɔden Botan no, wonkae no; enti wodua nnua fɛfɛ na wotɛ ananafoɔ tɛ nnua;


Mɛka mo amumuyɛdeɛ ne mo agyanom amumuyɛdeɛ abom atua so ka, AWURADE na ɔseɛ; ɛfiri sɛ wɔahye aduhwam wɔ mmepɔ soɔ na wɔasopa me wɔ nkokoɔ soɔ nti, mɛsusu wɔn akane nneyɛɛ atua so ka.


Na sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no, sɛdeɛ w’anyame nso dodoɔ teɛ ne no, O Yuda; na sɛ Yerusalem mmorɔno dodoɔ teɛ no, saa ara na moasisi afɔrebukyia ama aniwudeɛ, afɔremmukyia a mohye so nnuhwam ma Baal.


Na me man werɛ afiri me, wɔahye aduhwam ama abosom hunu, na wɔmaa wɔsuntisuntii wɔn akwan so, wɔ teteete atempɔn so, sɛ wɔnnante akwan a ɛnyɛ akwammɔeɛ so.


Ababaa werɛ bɛfiri n’ahyehyɛdeɛ, anaa ayeforɔ werɛ bɛfiri n’atadeɛ? Nanso me man deɛ, wɔn werɛ afiri me nna a wɔntumi nkan.


Enti sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn ka wɔ ahwɛfoɔ a wɔhwɛ me man no ho nie: Mo na moabɔ me nnwankuo no apete, na moapansam wɔn, na moanhwɛ wɔn. Hwɛ, mo na merebɛtua mo mo nneyɛɛ mu bɔne no so ka, AWURADE asɛm nie.


Na mɛgu Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmorɔno so ahosɛpɛ nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, ɛfiri sɛ asase no bɛdane amamfo.


Mobɛbɔ korɔno, adi awu, asɛe awadeɛ, akeka ntanhunu, akɔhye aduhwam ama Baal, akɔdi anyame afoforɔ a monni wɔn akyi,


Sion akwan di abooboo, sɛ obiara mma afahyɛ no ase nti, n’aponkɛseɛ nyinaa ayɛ afo; n’asɔfoɔ gu ahome, ne mmabaa ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ, na ɔno ara nso, ayɛ no nwono.


Mpanimfoɔ agyae kuro apono mu ba, mmeranteɛ agyae wɔn sankubɔ.


na mede adwinneɛ hyɛɛ wo hwene mu, na mede asomuadeɛ hyehyɛɛ wo, na mede abotire fɛfɛ bɔɔ wo.


Na wofaa wo nnwinneɛ fɛfɛ no, me sika ne me dwetɛ a memaa woɔ no bi, na wode yɛɛ mmarima ahoni fae, na wode bɔɔ adwaman;


Wo mu na wɔgyegye adanmudeɛ, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo. Wogyegye mfɛmtomu ne nsiho, na wode apempensie fa wo yɔnko so, na me deɛ, wo werɛ afiri me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wo werɛ afiri me, na woato me atwene w’akyire nti, wo nso soa w’aniwudeɛ ne w’adwamammɔdeɛ no.


Berɛ dodoɔ a mefrɛɛ wɔn no, dodoɔ no ara na wɔfirii m’anim kɔeɛ; wɔkɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahodoɔ, na wɔhyee aduhwam maa ahoni.


Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti ɔdii so, na ɔwui.


Ɛberɛ a wɔnyaa adidibea pa no, wɔmee, wɔmee na wɔn akoma maa ne ho so, enti wɔn werɛ firii me.


Na adwaman na wɔn na bɔeɛ, na deɛ ɔnyinsɛnee wɔn no yɛɛ aniwudeɛ; na ɔkaa sɛ: Mɛdi m’adɔfo akyi; wɔn na wɔma me m’aduane ne me nsuo, me dwannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.


Na ɔbɛti n’adɔfo, na ne nsa renka wɔn, na ɔbɛhwehwɛ wɔn akyiri kwan, na ɔrenhunu; na ɔbɛka sɛ: Mɛsane m’akyiri makɔ me kane kunu no nkyɛn; na ɛno mu na ɛyɛ ma me sene afei.


Mmepɔ atifi na wɔbobɔ afɔdeɛ, na wɔhye aduhwam nkokoɔ so, odum ne duafufuo ne odupɔn ase, ɛfiri sɛ ne nwunu yɛ. Enti mo mmammaa bɔ adwaman, na mo nsiwa sɛe awadeɛ.


Nimdeɛ a me man nnie nti, wɔbɛtwa wɔn agu; na wo nso, woapo nimdeɛ nti, mepo wo sɛ: Nni me sɔfoɔ; na wo werɛ afiri wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ bɛfiri wo mma.


Na Israel werɛ afiri ne yɛfoɔ, na wɔasisi aban fɛfɛ, na Yuda ama nkuro a ɛyɛ den adɔ; nanso mɛto ne kuro mu gya, na ahye n’aban a ɛkorɔn no.


Asotwe nna no anya aba, aweretɔ nna no anya adu; Israel bɛhunu sɛ odiyifoɔ no yɛ ogyimifoɔ, na honhom nipa no yɛ ɔbɔdamfoɔ, amumuyɛ dodoɔ ne ɔtane a ɛso pii no nti.


Na madanedane mo nnapɔnna mu abooboo ne mo nnwom nyinaa kwadwom, na mama ayitoma akyekyere asene nyinaa, na atipa aba atire nyinaa so; na mama no ayɛ sɛ ɔba korɔ ho abooboodie, na n’awieeɛ ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono.


Ɔbotan a ɔwoo woɔ no, woannwene ne ho, na wo werɛ afiri Onyankopɔn a ɔkyem woo woɔ no.


hwɛ yie na wo werɛ amfiri AWURADE a ɔyii wo Misraim asase so firii nkoafie mu no:


Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfoɔ anyame ne Filistifoɔ anyame, na wɔgyaa AWURADE hɔ na wɔansom no.


Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.


Nanso wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Hasor sahene Sisera nsa ne Filistifoɔ nsa ne Moabhene nsa, na wɔne wɔn bɛkoe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan