Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 7:6 - Twerɛ Kronkron

6 Me nna yɛ hare sene ɔnwomfoɔ akurokurowa, na ɛrehi, na anidasoɔ biara nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “Me nna kɔ ntɛm sen ɔnwemfo akurokurowa, na ɛkɔ awiei a anidaso biara nni mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Me nna yɛ hare sene ɔnwomfoɔ akurokurowa, na ɛrehi, na anidasoɔ biara nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “Me nna kɔ ntɛm sene ɔnwomfoɔ akurokurowa, na ɛkɔ awieeɛ a anidasoɔ biara nni muo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Me nna yɛ hare sen ɔnwemfo akurokurowa, na ɛrehi, na anidaso bi nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 7:6
23 Iomraidhean Croise  

Na me nna ho yɛ hare sene mmirikatuni; ɛdwane kɔ, ɛnhunu adepa biara.


na afei, ɛhe na m’anidasoɔ wɔ? Na deɛ m’ani da soɔ no, hwan na ɔbɛhunu?


Ɛfiri sɛ honam nyinaa te sɛ wira, na onipa animuonyam nyinaa te sɛ wira nhwiren. Wira hye, na ne nhwiren po;


Wɔsum ɔbɔnefoɔ twene, ne bɔneyɛ mu, na ɔteneneeni wɔ ne wuo mu anidasoɔ.


Onipa te sɛ ahuhuo, ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam.


Me nna atwam, wɔatwitwa m’atirimpɔ mu, m’akoma adeɛ a ɛpɛ no mu.


Nanso monnim deɛ ɛbɛba ɔkyena. Na mo nkwa ne deɛn? Ɛfiri sɛ moyɛ huhuro a ɛyi ne ho kakra, na afei ɛyera.


Na owia de ne hyehyeɛ firi, na ɛhye wira no a, na ne nhwiren apo, na n’ahoɔfɛ asɛe; saa ara na ɔdefoɔ nso bɛkusa wɔ n’akwan soɔ.


monkae sɛ da bi no na mo ne Kristo nni twaka biara, na na moyɛ ananafoɔ a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔhoɔ wɔ bɔhyɛ apam ahodoɔ no ho, na monni anidasoɔ biara, na monni Onyankopɔn bi wɔ wiase.


Me nna te sɛ sunsum a ɛretwam, na me deɛ, mekusa sɛ ɛfan.


Na mfeɛ a ɛwɔ ano no bɛdu na makɔ kwan a merensane memma.


Sɛ ɔreku me mpo a, mehwɛ ɔno ara; mede me nsɛm bɛto n’anim.


M’ahoɔden ne deɛn, sɛ mede bɛtɔ me bo aseɛ, na m’awieeɛ ne deɛn, sɛ me kra bɛkyɛre ho?


Kata wo nan ho, na anna hɔ ne wo mene nso, na sukɔm anne wo. Na wo deɛ, wokaa sɛ: Ɔkwa! Dabi! Na madɔ ananafoɔ, na wɔn akyiri na mɛdie.


Enti mommɔ mo adwene mu abɔsoɔ, mo ani nna hɔ, na momma mo ani nna adom a wɔde rebrɛ mo Yesu Kristo ahoyie mu no so koraa.


Na sɛdeɛ aboɔ nso, nsuo hono no, na ne yire pra fam dɔteɛ kɔ, saa ara na ɔdasani anidasoɔ nso woma no yera.


Ɛbɛsiane akɔ Asamando adaban mu berɛ a yɛn nyinaa home wɔ mfuturo mu.


Wabubu me afa nyinaa a menni hɔ bio, na watu m’anidasoɔ ase sɛ dua.


M’ahome asa, me nna ahi, damena na ɛwɔ hɔ ma me.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan