Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 7:2 - Twerɛ Kronkron

2 Sɛ akoa pere onwunu ho ne sɛ ɔpaani hwɛ n’apaadeɛ kwan no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Sɛnea akoa ani gyina anwummere sunsuma, anaasɛ ɔpaani ho pere no nʼakatua ho no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Sɛ akoa pere onwunu ho ne sɛ ɔpaani hwɛ n’apaadeɛ kwan no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Sɛdeɛ akoa ani gyina anwummerɛ sunsumma, anaasɛ ɔpaani ho pere no nʼakatua ho no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Sɛ akoa pere onwini ho, ne sɛ ɔpaani hwɛ n’apaade kwan no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 7:2
11 Iomraidhean Croise  

Na Hamor ne wɔn kasaa sɛ: Me ba Sekem akoma fam mo babaa no ho; mesrɛ mo, momfa no mma no aware.


Ɛnyɛ akodie na ɛwɔ hɔ ma ɔdasani asase soɔ na ne nna te sɛ ɔpaani nna?


saa ara na wɔama madi abosome hunu, na wɔabu ɔhaw anadwo ama me.


Mebue m’anomu haa mepere, ɛfiri sɛ m’ani gyina wo mmara nsɛm.


Metene me nsam mekyerɛ wo, wo ho sukɔm de me kra sɛ asase a awoɔ.


Monkyere ne so ɔsa, monsɔre mma yɛnkɔtoa no awia ketee. Yɛnnue, na adeɛ resa, na anwummerɛ sunsum mu atwe.


Nni wo yɔnko amim na ntwa no dwo. Mma wo paani akatua nnka wo nkyɛn mma adeɛ nnkye.


Na AWURADE Nyankopɔn siesiee adedenkruma, na ɛfefɛ kataa Yona so maa n’atifi nyaa enwunu, sɛ ɛnyi no mfiri n’ahohiahia no mu. Na Yona ani gyee adedenkruma no ho kɛseɛ.


Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Da a ɔyɛ adwuma no ara na ma no n’apaadeɛ, na mma owia nnkɔtɔ so, ɛfiri sɛ ɔdi hia, na ɔde n’ani ato so; na wansu amfrɛ AWURADE antia wo, na annane wo bɔne.


Hwɛ, adwumayɛfoɔ a wɔtutuu mo mfuo mu nnuane no akatua a mode nsisie de sieeɛ no team, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuo mu adeɛ no nteamu aduru asafo Awurade no aso mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan