Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 7:1 - Twerɛ Kronkron

1 Ɛnyɛ akodie na ɛwɔ hɔ ma ɔdasani asase soɔ na ne nna te sɛ ɔpaani nna?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Asase so som nyɛ den mma onipa ana? Ne nkwanna nte sɛ ɔpaani de?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛnyɛ akodie na ɛwɔ hɔ ma ɔdasani asase soɔ na ne nna te sɛ ɔpaani nna?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Asase so som nyɛ den mma onipa anaa? Ne nkwa nna nte sɛ ɔpaani deɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 So ɛnyɛ akodi na ɛwɔ hɔ ma ɔdasani asase so na ne nna te sɛ ɔpaani nna?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 7:1
16 Iomraidhean Croise  

Na wode w’adansefoɔ afoforɔ ara abɛgyina m’anim, na woama w’abufuo adɔɔso me so, na ɛdɔm a ɛto dɔm agu me so.


Onipa a ɔbaa awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw ma.


Na wɔwoo onipa maa ɔhaw, sɛ ogyaframa tutu kɔ soro no.


Sɛ akoa pere onwunu ho ne sɛ ɔpaani hwɛ n’apaadeɛ kwan no,


AWURADE, ma menhunu m’awieeɛ ne me nna kakra a wɔasusuo no. Ma menhunu me kyɛre a mammɛkyɛre.


Onipa bi nni honhom so tumi, sɛ ɔde bɛsi honhom no kwan, na owuda so tumi nni hɔ, na ɛkwanma nni ɔsa mu, na bɔne mma ne yɛfoɔ mfiri mu mfi.


na afei AWURADE rekasa sɛ: Ɛha mfeɛ mmiɛnsa a ɛte sɛ ɔpaani mfeɛ no, Moab animuonyam bɛyera, ɛmfa ho sɛ ɔwɔ dɔm kɛseɛ; na nkaeɛ no bɛyɛ kakraa bi a wɔnyɛ den.


Na deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Ɛha afe sɛ ɔpaani mfeɛ teɛ no, na Kedar animuonyam nyinaa asa koraa,


Kɔ na kɔka kyerɛ Hesekia sɛ: Sɛdeɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn, seɛ nie: Mate wo mpaebɔ, mahunu wo nisuo; hwɛ, mede mfeɛ dunum bɛto wo nna so,


Monka abodwosɛm nkyerɛ Yerusalem, na mommɔ no kaseɛ sɛ n’akodie asa, sɛ wɔde ne mfomsoɔ akyɛ, sɛ ne bɔne nyinaa ho wanya AWURADE nsam mmɔho.


Na ɔne deɛ ɔtɔɔ no no mmu nkonta mfiri afe a wɔtɔn no maa no no so nkɔsi ahosɛpɛ afahyɛ afe no so, na ne tiriadeɛ nyɛ sɛdeɛ mfeɛ no dodoɔ teɛ, ɔne no asetena nyɛ sɛ ɔpaani nna.


Mma no nnyɛ wo den sɛ wobɛgya no kwan na wafa ne ho afiri wo nkyɛn akɔdie, na wasom wo mfirinhyia nsia ayɛ ɔpaani akatua mmienu ho adeɛ; na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo deɛ woyɛ nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan