Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 10:9 - Twerɛ Kronkron

9 Kae sɛ wonwonoo me sɛ anwommoɔ, na wobɛma madane mfuturo bio anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Kae sɛ wonwen me sɛ dɔte. Na wobɛdan me ayɛ me mfutuma bio ana?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Kae sɛ wonwonoo me sɛ anwommoɔ, na wobɛma madane mfuturo bio anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Kae sɛ wonwonoo me sɛ dɔteɛ. Na wobɛdane me ayɛ me mfuturo bio?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Kae sɛ wonwenee me sɛ anwemmo, na wobɛma madan mfutuma bio?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 10:9
25 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefoɔ.


W’anim fifire mu na wobɛdidie de akɔsi sɛ wobɛsane akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ; na woyɛ dɔteɛ, na dɔteɛ mu na wobɛsane akorɔ.


Anaa woanhwie me angu sɛ nufosuo na womaa mepii sɛ nufosuo a akyenkyen ɛtoa?


na mese Amena sɛ: M’agya ne wo, ne mmoaa sɛ: Me na ne me nuabaa ne mo, a,


Hwɛ, me nso meyɛ Nyankopɔn deɛ sɛ wo ara, anwommoɔ mu na wɔtii me nso firiiɛ.


anka honam nyinaa bɛgyaa mu prɛko, na onipa bɛsane akɔ dɔteɛ mu.


na nkantom wɔn a wɔte dɔteɛ adan mu, na wɔn nnyinasoɔ wɔ mfuturo mu, na wɔfurofuro wɔn sɛ abubummabaa.


Na adɛn na womfa me mmarato nkyɛ, na womma me mfomsoɔ nsene nkorɔ? Na afei mɛda mfuturo mu, na wobɛhwehwɛ me, nso na menni hɔ bio.


Kae sɛ me nkwa yɛ mframa, m’ani rensane nhunu papa.


Na ɔnim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo.


Wohunta w’ani, na wɔpatu wu, woyi wɔn ahome, na wɔgyaa mu, na wɔsane kɔ wɔn mfuturo mu.


AWURADE, wo man ho anisɔ no mu, kae me, wo nkwagyeɛ mu bɛhwɛ me,


M’ahoɔden mu awe sɛ kyɛmferɛ, na me tɛkyerɛma afam me dodom, na wode me ato owuo mfuturo mu.


Hwɛ m’amaneɛ ne m’ahometeɛ, na fa me bɔne nyinaa kyɛ me.


Na ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam, mframa a ɛkorɔ na ɛnsane n’akyiri bio.


Kae me nna tiaa a ɛyɛ: Ade hunu yi ara nti na wobɔɔ nnipa mma nyinaa?


Woma ɔdasani dane mfuturo, na wose: Onipa mma, monsane mmra mo mfuturo mu.


na dɔteɛ asane akɔ asase mu sɛdeɛ ɛteɛ kane no, na honhom asane akɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.


Deɛ ɔne ne Nwomfoɔ ham, fam nkyɛmferɛ ne ɔnwomfoɔ no nnue! Dɔteboɔ bisa ne nwomfoɔ sɛ: Woreyɛ deɛn? Anaa w’adwuma no nni nsa?


Na obiara nni hɔ a ɔbɔ wo din na ɔkanyan ne ho sɔ wo mu; na woayi w’ani ahunta yɛn, na yɛn amumuyɛ nti woama yɛayera.


Na afei, O AWURADE, yɛn Agya ne wo. Yɛn deɛ, dɔteɛ ne yɛn, na wone yɛn nwomfoɔ, na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa.


Merentumi nyɛ mo, Israel fie, sɛ ɔnwomfoɔ yi anaa? AWURADE asɛm nie. Hwɛ, sɛdeɛ dɔteɛ teɛ wɔ ɔnwomfoɔ nsam no, saa ara na mo, Israel fie, nso moteɛ wɔ me nsam.


Okukunwomfoɔ nni dɔteɛ so tumi sɛ ɔde dɔtetoa korɔ no ara nwono kukuo baako ma no yɛ fɛ na ɔnwono foforɔ nso a ɛnyɛ fɛ?


Na yɛwɔ saa agyapadeɛ yi wɔ dɔteɛ anwenneɛ mu, sɛdeɛ wɔbɛma no ada adi pefee na tumi a ɛboro soɔ no ayɛ Nyankopɔn dea, na amfiri yɛn mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan