Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 2:4 - Twerɛ Kronkron

4 Wɔyɛ aniɛdenfoɔ a wɔapirim wɔn akoma; me na meresoma wo wɔ wɔn nkyɛn, na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nnipa a meresoma wo wɔn nkyɛn no yɛ nnipa a wɔasen wɔn kɔn na wɔn aso awu. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Wɔyɛ aniɛdenfoɔ a wɔapirim wɔn akoma; me na meresoma wo wɔ wɔn nkyɛn, na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nnipa a meresoma wo wɔn nkyɛn no yɛ nnipa a wɔn aso yɛ den na wɔn aso awu. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na mma no yɛ anuɔdenfo a wɔapirim wɔn koma; me na meresoma wo wɔn nkyɛn, na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 2:4
23 Iomraidhean Croise  

Na Israel fie mpɛ sɛ wɔtie woɔ, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtie me. Na Israel fie nyinaa moma so ayɛ den, na wɔn akoma apirim.


Wɔn ani wuu akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no ho? Dabi, wɔn ani anwu koraa, na wɔn anim nso ansiam: Saa nti wɔbɛtotɔ atɔfoɔ mu, berɛ a mɛba mabɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase, AWURADE na ɔseɛ.


O AWURADE, w’ani nsa nokorɛ anaa? Wobobɔ wɔn, nanso wɔnte yea biara; wodwɛre wɔn, nanso wɔpo atenetene. Wɔahyɛ wɔn anim den sene ɔbotan, na wɔmpɛ sɛ wɔnu wɔn ho.


Ɛfiri sɛ menim sɛ woyɛ asoɔden, na wo kɔn yɛ daban, na wo moma yɛ yaawa;


Monnyɛ mo akoma denden sɛ Meriba, sɛ Masa da no, ɛserɛ so hɔ,


Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo.


Wɔn ani wuu akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no ho? Dabi, wɔn ani anwu koraa, na wɔn anim nso ansiam. Saa nti wɔbɛtotɔ atɔfoɔ mu, berɛ a mɛba abɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase, AWURADE na ɔseɛ.


Enti asusɔ atwa na bereamporɔsuo ntɔ. Nanso w’anim te sɛ ɔbaa dwamamfoɔ deɛ ara na wonnim aniwuo.


Onipa bɔnefoɔ kum n’anim, na ɔteefoɔ deɛ, ɔtaataa n’akwan.


Afei nso ɔtee Ɔhene Nebukadnessar a ɔmaa no kaa Nyankopɔn ntam no anim atua. Na ɔsenee ne kɔn na ɔpirim n’akoma sɛ ɔrensane mma AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn.


Afei monnsensene mo kɔn sɛ mo agyanom, momfa mo nho mma AWURADE, na mommra ne kronkronbea a wayɛ no kronkron de rekɔsi daa no mu, na monsom AWURADE mo Nyankopɔn, na n’abufuhyeɛ no mfiri mo ho nkɔ.


Na Mikaia kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, deɛ AWURADE bɛka akyerɛ me no, ɛno na mɛka.


Na me deɛ, menim w’atuateɛ ne wo kɔn a asene; hwɛ, meda so ne mo te ase nnɛ yi mpo moyɛ AWURADE anim atuatefoɔ, na me wuo akyiri ɛ!


Enti montwitwa mo akoma twetia, na monnsene mo kɔn bio.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nka sɛ: Meyɛ abɔfra; na mmom baabiara a mɛsoma woɔ no, kɔ, na asɛm biara a mɛka akyerɛ woɔ no, ka.


Na ɔhene somaa Yehudi sɛ ɔnkɔfa mmobɔeɛ no mmra; na ɔkɔfa firii Ɔtwerɛfoɔ Elisama pia no mu bae; na Yehudi kenkanee, ɔhene ne mmapɔmma a wɔgyinagyina ɔhene ho no nyinaa aso mu.


Na AWURADE faa me firii nnwan akyiridie, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man Israel.


Na wɔyɛɛ wɔn akoma sɛ ahwehwɛboɔ, na wɔantie mmara ne nsɛm a asafo AWURADE nam ne honhom so maa akane adiyifoɔ no bɛkaeɛ no, na ɛmaa abufuhyeɛ kɛseɛ firi asafo AWURADE nkyɛn baeɛ no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sim kɔ Israel fie nkyɛn, na fa me nsɛm kɔka kyerɛ wɔn.


na si mu kɔ atukɔfoɔ, wo man no nkyɛn, na kɔka kyerɛ wɔn, na wɔtie oo, wɔantie oo, se wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ.


Na sɛ me ne wo rebɛkasa a, mɛbue w’ano na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ. Ma ɔtefoɔ nte, na ogyaefoɔ nnyae; na wɔyɛ asowuiɛ fie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan