Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filemon 1:8 - Twerɛ Kronkron

8 Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoɔduro kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ adeɛ a ɛfata yi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ meyɛ wo nua wɔ Kristo mu nti, metumi de akokoduru ahyɛ wo, ama woayɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoɔduro kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ adeɛ a ɛfata yi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ meyɛ wo nua wɔ Kristo mu enti, mɛtumi de akokoɔduru ahyɛ wo, ama woayɛ deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoduru kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ ade a ɛfata yi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filemon 1:8
7 Iomraidhean Croise  

Na sɛ mehoahoa me ho boro so kakra wɔ tumi a Awurade de ama yɛn mo nkɔsoɔ, na ɛnyɛ mo dwirie nti no ho mpo a, m’ani renwu,


Meka no aniwuo mu sɛ yɛn deɛ yɛayɛ mmerɛ wɔ mu; nanso deɛ obi yɛ nnam wɔ mu no, (meka no sɛ deɛ aba biara nni mu,) me nso meyɛ nnam wɔ mu bi.


Na sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi nti, yɛde akokoɔduro kasa,


Na mommma wɔnte aniwudeɛ ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.


Na ɛwom sɛ yɛadi kan ahunu amane, na wɔabɔ yɛn adapaa wɔ Filipi sɛdeɛ monim no deɛ, nanso yɛyɛɛ nnam wɔ yɛn Nyankopɔn mu, sɛ yɛbɛka Nyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo, ɔko bebree mu.


anaasɛ yɛnhwehwɛɛ nnipa anim animuonyam mfirii mo anaa afoforɔ nkyɛn,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan