Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 8:15 - Twerɛ Kronkron

15 Na Mordekai firii adi firii ɔhene no anim, na ɔhyɛ ahentadeɛ bibire ne fufuo ne sika abotire bɔ no, ne nwera pa, ne tamkɔkɔɔ atadeɛ hyɛ no yuu. Na Susa kuro no dii ahurisie, na wɔn ani gyeeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Na Mordekai hyɛɛ ahentade tuntum ne fufu ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛw, na ɔhyɛɛ batakari tamkɔkɔɔ nguguso fɛfɛ bi guu so. Na ɔmanfo a wɔwɔ Susa no hyɛɛ mmara foforo no ho fa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

15 Na Mordekai firii adi firii ɔhene no anim, na ɔhyɛ ahentadeɛ bibire ne fufuo ne sika abotire bɔ no, ne nwera pa, ne tamkɔkɔɔ atadeɛ hyɛ no yuu. Na Susa kuro no dii ahurisie, na wɔn ani gyeeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Na Mordekai hyɛɛ ahentadeɛ tuntum ne fufuo ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛ, na ɔhyɛɛ batakari afasebire ngugusoɔ fɛfɛ bi guu so. Na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Susa no hyɛɛ mmara foforɔ no ho fa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na Mordekai fii adi fii ɔhene no anim no, na ɔhyɛ ahentade bibiri ne fufu ne sika abotiri kɛse no ne nwera pa ne ɔtankɔkɔɔ atade yuu. Na Susan kurow no dii ahurusi, na wɔn ani gyei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 8:15
15 Iomraidhean Croise  

Na Farao yii nsɔanokaa firii ne nsa de hyɛɛ Yosef nsa, na ɔhyɛɛ no nwera pa atadeɛ, na ɔde sika atweaban too ne kɔn mu.


nwera ne bibitoma sensɛne hɔ, wɔde nhoma fufuo ne deɛ ɛberedum asosɔ mu akyekyere dwetɛ nkaa mu, abofufuo adum ho; sika ne dwetɛ mpa wowɔ abohemmaa ne abohyɛn ne abobire ne dame nsesɛeɛ so.


Na ne tumi ne ne mmaninyɛ nneyɛɛ ne Mordekai kɛseɛ a ɔhene no maa no yɛeɛ no ho nsɛm no, wɔantwerɛ no Media ne Persia Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?


Na awɛmfoɔ no firi kɔɔ ntɛmntɛm sɛdeɛ ɔhene kaeɛ no, na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susa kuro no mu ayɛ bisibasaa.


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Ester hyɛɛ ɔhemmaa atadeɛ, na ɔkɔgyinaa ahemfie emu fam abannwa so, ɔhene dan no ntentensoɔ. Na ɔhene no te n’ahennwa so wɔ ahemfie, efie no pono ano ntentensoɔ.


Na Haman kaa wɔn n’ahonya animuonyam ne ne mma dodoɔ ne kɛseɛ a ɔhene ayɛ no nyinaa ne sɛdeɛ wama no so asene mmapɔmma ne ɔhene nkoa no nyinaa,


Na Haman faa atadeɛ no ne ɔpɔnkɔ no, na ɔde hyɛɛ Mordekai, na ɔde no tenaa ɔpɔnkɔ no so de no faa kuro no abɔntene no so, na ɔpae dii n’anim sɛ: Sei na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no!


ma wɔmfa ahennie atadeɛ a ɔhene hyɛ no mmra, ne ɔpɔnkɔ a ɔhene tena ne soɔ a wɔde ahennie abotire bɔ ne tire no,


Ammirikatufoɔ a wɔtete mmoa a wɔn ho yɛ hare no soɔ no nam ɔhene asɛm so firi kɔe, wɔkaa wɔn ho ntɛmntɛm. Na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu.


Teneneefoɔ di yie a, ɔman ho sane wɔn, na abɔnefoɔ sɛe a, wɔhuro.


Teneneefoɔ di ahurisie a, ɛyɛ fɛ pii, na abɔnefoɔ deɛ wɔsɔre a, nnipa hunta.


Ateneneefoɔ di tumi a, ɔman ani gye, na ɔbɔnefoɔ di so a, ɔman si apini.


Anaasɛ ɛdeɛn na mofirii adi kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ no wɔ ahemfo afie mu.


nanso mese mo sɛ, Salomo animuonyam nyinaa mu no wanhyehyɛ ne ho sɛ yeinom mu baako.


Na ɔdefoɔ bi tenaa ase a na ɔhyɛ atadeɛ pa a ne boɔ yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gyee n’ani daa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan