Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 8:14 - Twerɛ Kronkron

14 Ammirikatufoɔ a wɔtete mmoa a wɔn ho yɛ hare no soɔ no nam ɔhene asɛm so firi kɔe, wɔkaa wɔn ho ntɛmntɛm. Na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Ɔhene asɛm no nti, abɔfo no de apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no tuu mmirikatɛntɛ. Wɔhyɛɛ mmara koro no ara bi wɔ Susa aban no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

14 Ammirikatufoɔ a wɔtete mmoa a wɔn ho yɛ hare no soɔ no nam ɔhene asɛm so firi kɔe, wɔkaa wɔn ho ntɛmntɛm. Na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Ɔhene asɛm no enti, abɔfoɔ no de apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no tuu mmirikatɛntɛ. Wɔhyɛɛ mmara korɔ no ara bi wɔ Susa aban no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Ammirikatufo a wɔtete mmoa a wɔn ho yɛ hare no so no nam ɔhene asɛm so fi kɔe, wɔkaa wɔn ho ntɛmntɛm. Na wɔhyɛɛ mmara no Susan aban mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 8:14
13 Iomraidhean Croise  

Na atokoɔ ne ɛserɛ a wɔde ma apɔnkɔ ne apɔnkɔ ahoɔharefoɔ nso, wɔde baa faako a wɔwɔ hɔ, wɔn nyinaa sɛdeɛ wɔahyehyɛ ama wɔn no.


Na awɛmfoɔ de nwoma a ɛfiri ɔhene ne ne mmapɔmma nsam no sii mu kɔ kɔkyinii Israel ne Yuda nyinaa mu, sɛdeɛ ɔhene mmara no teɛ, kaa sɛ: Israelfoɔ, monsane mmra AWURADE, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn nkyɛn, na ɔno nso asane aba wɔn a wɔafiri mu aka ama mo afiri Asiria ahemfo nsam no nkyɛn.


Hakalia ba Nehemia nsɛm nie. Na bosome Kislew mu, afe a ɛtɔ so aduonu a mewɔ Susan aban mu no,


ɛberɛ a na Ɔhene Akas-weros te n’ahennwa a ɛwɔ Susa abankɛseɛ mu no soɔ,


na ɔhene nsisi ahwɛfoɔ n’ahennie nsase nyinaa so, na wɔnhyiahyia mmaabunu a wɔn ho yɛ fɛ nyinaa mmra Susa aban mu, mmaa fie, ɔhene piani Hegai a ɔhwɛ mmaa soɔ no nkyɛn, na wɔmma wɔn wɔn nku.


Na wɔde nwoma no somasomaa awɛmfoɔ maa wɔde kɔɔ ɔhene nsase nyinaa so, sɛ wɔnsɛe na wɔnkunkum na wɔnnwerɛ Yudafoɔ no nyinaa mfiri mmeranteɛ so nkɔsi nkɔkoraa so, mmɔfra ne mmaa nso, da koro, bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar no da a ɛtɔ so dummiɛnsa no so, na wɔmfom wɔn nnoɔma.


Atwerɛ no nsususoɔ a wɔde kɔhyɛɛ mmara, nsase no nyinaa soɔ no, hyɛ amanaman no nyinaa, sɛ wɔnsiesie wɔn ho nsie da no.


Na awɛmfoɔ no firi kɔɔ ntɛmntɛm sɛdeɛ ɔhene kaeɛ no, na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susa kuro no mu ayɛ bisibasaa.


Atwerɛ no nsususoɔ a wɔde kɔhyɛɛ mmara nsase no nyinaa soɔ no ano da hɔ ma amanaman no nyinaa, sɛ Yudafoɔ no nsiesie wɔn ho nsie da no, na wɔntɔ wɔn atamfoɔ so were.


Na Mordekai firii adi firii ɔhene no anim, na ɔhyɛ ahentadeɛ bibire ne fufuo ne sika abotire bɔ no, ne nwera pa, ne tamkɔkɔɔ atadeɛ hyɛ no yuu. Na Susa kuro no dii ahurisie, na wɔn ani gyeeɛ.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Na Dawid ka kyerɛɛ Ahimelek sɛ: Pea anaa nkrantɛ biara nni wo nsam ha? Na me nkrantɛ ne me nnoɔma mpo mamfa mankura, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm no, wɔpɛ no ntɛm.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan