Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 2:15 - Twerɛ Kronkron

15 Na ɛduruu Ester a ɔyɛ Mordekai n’agya ne nua Abihail ba a ɔfaa no yɛɛ ne ba no soɔ sɛ ɔbɛkɔ ɔhene no nkyɛn no, wammisa hwee gye deɛ Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmaa no soɔ no tuu no fo wɔ ho. Na Ester nyaa wɔn a wɔhunuu no nyinaa anim animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Na eduu Ɛster a ɔyɛ Abihail ba no so no, wammisa hwee gye sɛ nea Hegai a ɔyɛ ɔhene piamni a ɔhwɛ mmea no so no tuu no fo wɔ ho no (Mordekai nua ne Abihail, na Mordekai nso ha ɔhwɛɛ Ɛster).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

15 Na ɛduruu Ester a ɔyɛ Mordekai n’agya ne nua Abihail ba a ɔfaa no yɛɛ ne ba no soɔ sɛ ɔbɛkɔ ɔhene no nkyɛn no, wammisa hwee gye deɛ Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmaa no soɔ no tuu no fo wɔ ho. Na Ester nyaa wɔn a wɔhunuu no nyinaa anim animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Na ɛduruu Ɛster a ɔyɛ Abihail ba no so no, wammisa hwee gye sɛ deɛ Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmaa no so no tuu no fo wɔ ho no (Mordekai nua ne Abihail, na Mordekai nso ha ɔhwɛɛ Ɛster).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na eduu Ester a ɔyɛ Mordekai n’agya nua Abihail ba a ɔfaa no yɛɛ ne ba no so sɛ ɔbɛkɔ ɔhene no nkyɛn no, wammisa hwee gye nea Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmea no so no tuu no fo wɔ ho no. Na Ester nyaa wɔn a wohuu no nyinaa anim anuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 2:15
10 Iomraidhean Croise  

Anadwofa na ɔkorɔ, na anɔpa na ɔsane kɔ mmaa fie a ɛtɔ so mmienu, a ɛhyɛ ɔhene piani Saasgas a ɔhwɛ ne mpenafoɔ so aseɛ no mu. Na ɔnkɔ ɔhene nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no pɛ na ɔbɔ ne din frɛ no.


Na wɔde Ester kɔɔ Ɔhene Akas-weros nkyɛn n’ahemfie, bosome a ɛtɔ so du a ɛne bosome Tebet no mu, n’ahennie afe a ɛtɔ so nson no mu.


na ɔhene nsisi ahwɛfoɔ n’ahennie nsase nyinaa so, na wɔnhyiahyia mmaabunu a wɔn ho yɛ fɛ nyinaa mmra Susa aban mu, mmaa fie, ɔhene piani Hegai a ɔhwɛ mmaa soɔ no nkyɛn, na wɔmma wɔn wɔn nku.


Da no ara na Ɔhene Akas-weros de Haman, Yudafoɔ tamfo no, fie maa Ɔhemmaa Ester. Na Mordekai baa ɔhene no anim, ɛfiri sɛ na Ester aka sɛdeɛ ɔne no ntam teɛ no.


Na Ɔhemmaa Ester a ɔyɛ Abihail ba no ne Yudani Mordekai de tumi nyinaa twerɛe, sɛ wɔbɛma Purim nwoma a ɛtɔ so mmienu yi atim.


AWURADE suro ne nyansa atenetene, na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.


M’aburuburo a ɔdi mu yɛ baako pɛ, ne na bakorɔ ne no, deɛ ɔwoo no ɔdɔba ne no; mmammaa hu no, na wɔfrɛ no anigyeɛ, ahemmaa ne mpenafoɔ nso, na wɔkamfo no.


Me deɛ, meyɛ ɔfasuo, na me nufoɔ te sɛ aban atentene, ɛno na meyɛɛ n’ani so sɛ deɛ ɔde asomdwoeɛ ba.


Na ɔyii no firii n’amanehunu nyinaa mu na ɔmaa no adom ne nyansa Farao a ɔyɛ Misraim hene no anim, na ɔde no sii Misraim ne ne fie nyinaa so amrado.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan