Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 9:4 - Twerɛ Kronkron

4 Na wɔfaa Baal-berit fie nnwetɛbena aduɔson de maa no; na Abimelek de bɔɔ nnipa ahuhufoɔ animharefoɔ bi paa maa wɔdii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔfaa dwetɛ sika nnwetɛbona aduɔson fi Baal-Berit nsɔre so de maa Abimelek, na ɔde faa asraafo a wɔpenee so sɛ wubedi nʼakyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na wɔfaa Baal-berit fie nnwetɛbena aduɔson de maa no; na Abimelek de bɔɔ nnipa ahuhufoɔ animharefoɔ bi paa maa wɔdii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔfaa dwetɛ sika pranpran aduɔson firi Baal-Berit asɔreeɛ so de maa Abimelek, na ɔde faa asraafoɔ a wɔpenee so sɛ wobɛdi nʼakyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na wɔfaa Baal-berit fi nnwetɛbona aduɔsɔn de maa no; na Abimelek de bɔɔ nnipa ahuhufo animharefo bi paa ma wodii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 9:4
11 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Dawid sane bɛhyiraa ne fiefoɔ. Na Saulo ba Mikal firii adi bɛhyiaa Dawid, na ɔkaa sɛ: Animuonyam bɛn na Israel hene anya nnɛ, sɛ wapa ne ho nnɛ wɔ n’asomfoɔ mfenaa anim, sɛ ahuhufoɔ no bi pa ne ho a n’ani mmu ne dwɛ!


na nnipa hunu ahuhufoɔ ne no boom hyɛɛ wɔn ho den tiaa Salomo ba Rehoboam, na Rehoboam yɛ abɔfra, na n’akoma yɛ mmerɛ, na wanhyɛ ne ho den wɔn anim.


Agyegyentwie mma ne wɔn, wɔn a wɔnni din mma nso, wɔapam wɔn afiri asase so.


Deɛ ɔdɔ n’asase no didi mee, na deɛ ɔdi nsɛnhunu akyire nni ti.


N’adiyifoɔ yɛ ahohoahoafoɔ, nkɔnkɔnsafoɔ ara nko, n’asɔfoɔ gu kronkronbea ho fi, wɔdi mmara ho asɛmmɔne.


Na Yudafoɔ no ani bereeɛ, na wɔfaa ahuhufoɔ no mu nnipa bɔne bi kaa wɔn ho, na wɔmaa nkurɔfoɔ no bɔɔ bum bɛhyiae, na wɔdanee kuro no ani butui, na wɔkɔtwaa Yason dan ho hyiaeɛ, hwehwɛɛ sɛ wɔyi wɔn firi adi de wɔn kɔma nkurɔfoɔ no.


Ɛnna Yefta dwane firii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase soɔ na nnipa ahuhufoɔ bi boaa wɔn ano bɛkaa Yefta ho, na wɔne no firii adi.


Na Gideon wuiɛ no, Israelfoɔ sane kɔdii Baalim akyiri adwamammɔ mu, na wɔfaa Baal-berit de yɛɛ wɔn nyame.


Na wɔfirii adi kɔɔ mfuo mu kɔtetee wɔn bobe nturo mu aba na wɔkyikyii nsa, na wɔtoo anigyeɛ nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fie, na wɔdidi nomee, na wɔdomee Abimelek.


Na wɔn a wɔn ho akyere wɔn ne wɔn a wɔdede aka ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn, na ɔdii wɔn so safohene. Mmarima bɛyɛ ahanan na wɔbɛkaa ne ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan