Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 21:2 - Twerɛ Kronkron

2 Na ɔman no baa Betel bɛtenaa Nyankopɔn anim kɔduruu anwummerɛ, na wɔmemaa wɔn nne so suu su kɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nnipa no kɔɔ Bet-El kɔtenaa Onyankopɔn anim kosii anwummere, maa wɔn nne so, suu denneennen kae se,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔman no baa Betel bɛtenaa Nyankopɔn anim kɔduruu anwummerɛ, na wɔmemaa wɔn nne so suu su kɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nnipa no kɔɔ Bet-El kɔtenaa Onyankopɔn anim kɔsii anwummerɛ, maa wɔn nne so, suu dendeenden kaa sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔman no baa Betel bɛtenaa Onyankopɔn anim koduu anwummere, na wɔmomaa wɔn nne so suu osu kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 21:2
10 Iomraidhean Croise  

Na Esau ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya, nhyira baako pɛ na wowɔ? Hyira me nso, m’agya. Na Esau maa ne nne so sui.


Na Israelfoɔ asafo no nyinaa bɛhyiaa Silo, na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim.


Na AWURADE bɔfoɔ no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa no, ɔman no maa wɔn nne so sui.


Na Israelfoɔ sɔree, na wɔsii mu kɔɔ Betel kɔbisaa Onyankopɔn; na wɔse: Yɛn mu hwan na ɔnkɔ kane ne Benyaminfoɔ no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kane.


Na Israelfoɔ no kɔ kɔsuu AWURADE anim kɔsii anwummerɛ, na wɔbisaa AWURADE kaa sɛ: Mentwe mpini bio na me ne me nua Benyamin mma nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ ne so.


Ɛnna Israelfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa sii mu kɔɔ Betel, na wɔsui, na wɔtenaa AWURADE anim hɔ dii abuada da no de kɔsii anwummerɛ, na wɔbobɔɔ hyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim.


Na wɔhunuu Yabes-gileadfoɔ no mu mmabaa ahanan a wɔnnim mmarima nna, na wɔde wɔn baa nsraban no mu Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ.


Na wɔkaa sɛ: O AWURADE, Israel Nyankopɔn, adɛn nti na yei aba Israel sɛ nnɛ aka Israel mu abusuakuo baako?


Ɛnna abɔfoɔ no baa Gibea, faako a Saulo firi bɛkaa asɛm no ɔman no aso mu; na ɔman no nyinaa memaa wɔn nne so sui.


Ɛnna Dawid ne dɔm a wɔka ne ho no memaa wɔn nne so sui ara kɔsii sɛ wɔnnya ahoɔden nsu bio.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan