Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 2:16 - Twerɛ Kronkron

16 Nanso AWURADE memaa atemmufoɔ so maa wɔgyee wɔn nkwa firii wɔn afomfafoɔ no nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Afei, Awurade pagyaw atemmufo ma wobegyee Israelfo fii wɔn atamfo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Nanso AWURADE memaa atemmufoɔ so maa wɔgyee wɔn nkwa firii wɔn afomfafoɔ no nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Afei, Awurade pagyaa atemmufoɔ ma wɔbɛgyee Israelfoɔ firi wɔn atamfoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Nanso AWURADE momaa Akannifo so ma wogyee wɔn nkwa fii wɔn afowfafo no nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 2:16
14 Iomraidhean Croise  

ɛberɛ a mehyɛɛ atemmufoɔ sɛ wɔnni me man Israel soɔ no; na mɛma woahome afiri w’atamfo nyinaa nsam. Na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ AWURADE na ɔbɛkyekyere efie ama woɔ.


Ɛnna wode wɔn hyɛɛ wɔn ahohiahiafoɔ nsa, na wɔhiahiaa wɔn ho. Na wɔn ahohiahia berɛ mu no, wɔsu frɛɛ wo, na wo deɛ, wofiri soro tiee wɔn, na sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu kɛseɛ teɛ no, wode agyefoɔ maa wɔn, na wɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahiafoɔ no nsam.


Na ɛno akyiri bɛyɛ mfirinhyia ahanan aduonum no, ɔmaa wɔn atemmufoɔ de bɛsii Odiyifoɔ Samuel so.


Na Abimelek akyiri no, deɛ ɔsɔre bɛgyee Israel ne Pua ba Tola a ɔyɛ Isakarni Dodo ba; na ɔtenaa Samir, Efraim bepɔ so.


Ɛnna Yefta twaa mu kɔɔ Amonfoɔ no soɔ ne wɔn kɔkoeɛ; na AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nsa.


Ɛnna Israel mma no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa wɔn, Gera ba Ehud, Benyaminni a ɔyɛ abenkum no. Na Israelfoɔ no de ayɛyɛdeɛ nam ne so kɔmaa Moabhene Eglon.


Na n’akyiri no, Anat ba Samgar na ɔde nantwika poma kumm Filistifoɔ mu nnipa ahansia; na ɔno nso, ɔgyee Israel.


Na ɔte Debora kyiresua ase, Rama ne Betel ntam, Efraim bepɔ so; na Israelfoɔ foro ba ne nkyɛn sɛ ɔmmu wɔn atɛn.


Na AWURADE danee n’ani kyerɛɛ no na ɔkaa sɛ: Fa w’ahoɔden yi ara kɔ kɔgye Israel Midian nsam; ɛnyɛ soma na masoma woɔ yi?


Na nna a atemmufoɔ no bu atɛn no mu no, ɛkɔm baa asase no so. Na ɔbarima bi a ɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda kɔɔ sɛ ɔrekɔtena Moab asase so ayɛ hɔ hɔhoɔ, ɔno ne ne yere ne ne mmammarima baanu.


Na AWURADE somaa Yerubaal, Bedan, Yefta ne Samuel, na ɔyii mo firi mo atamfoɔ nsam hyia maa motenaa ase dwoodwoo.


Na ɔyɛɛ mmaninneɛ, na ɔkɔkumm Amalekfoɔ, na ɔgyee Israel wɔn afomfafoɔ nsam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan