Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 19:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na nna no mu a ɔhene biara nni Israel no, na Lewini bi wɔ hɔ, na ɔkɔyɛɛ hɔhoɔ Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi na ɔkɔfaa mpena bi firii Betlehem Yuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa bere no na Israel nni ɔhene. Na ɔbarima bi a ofi Lewi abusuakuw mu te Efraim bepɔw asase no so akyirikyiri baabi. Da bi, ɔde ɔbea bi fi Betlehem a ɛwɔ Yuda baa fie sɛ ne mpena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na nna no mu a ɔhene biara nni Israel no, na Lewini bi wɔ hɔ, na ɔkɔyɛɛ hɔhoɔ Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi na ɔkɔfaa mpena bi firii Betlehem Yuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Saa ɛberɛ no na Israel nni ɔhene. Na ɔbarima bi a ɔfiri Lewi abusuakuo mu te Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi. Ɛda bi, ɔde ɔbaa bi firi Betlehem a ɛwɔ Yuda baa fie sɛ ne mpena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na nna no mu a ɔhene bi nni Israel no, Lewini bi wɔ hɔ a wakɔsoɛ hɔho Efraim bepɔw asase no so akyirikyiri baabi, na ɔwaree ɔbea bi fii Betlehem Yuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 19:1
29 Iomraidhean Croise  

Na ne mpena baako bi a wɔfrɛ no Rehuma nso woo Teba, Gaham, Tahas ne Maaka.


Na mmaa nkae mma a Abraham wɔ no deɛ, berɛ a Abraham te aseɛ no, ɔkyɛɛ wɔn adeɛ, na ɔgyaa wɔn kwan firii ne ba Isak ho maa wɔkɔɔ apueeɛ asase no so.


Na Rahel wui, na wɔsiee no ɛkwan a ɛde Efrat (a ɛne Betlehem) no nkyɛn.


Ɛnna wɔsii Absalom ntomadan, aban no atifi, na Absalom ne n’agya mpenafoɔ no daeɛ, Israel nyinaa anim.


Na Yoab baa ɔhene nkyɛn efie, na ɔkaa sɛ: Woahyɛ wo nkoa a ɛnnɛ wɔagye wo kra, wo mmammarima, wo mmammaa kra, wo yerenom kra ne wo mpenafoɔ kra no nyinaa aniwuo nnɛ,


Na Dawid baa ne fie wɔ Yerusalem. Na Dawid faa mmaa du, ne mpenafoɔ a ɔgyaa wɔn sɛ wɔnhwɛ fie no de wɔn kɔguu mmaa mu, na ɔbɔɔ wɔn akɔnhoma, na wɔn ho deɛ, wankɔ. Na wɔtoo wɔn mu kɔsii wɔn wu da maa wɔdii wɔn nkwa berɛ te sɛ deɛ wɔyɛ kuna.


Nso na Saulo wɔ mpena bi a ne din de Rispa a ɔyɛ Aya babaa. Na Isboset ka kyerɛɛ Abner sɛ: Adɛn nti na wokɔ m’agya mpena ho?


Na Dawid firi Hebron baeɛ akyiri no, ɔfefaa mpena na ɔwarewaree yerenom pii firii Yerusalem, na wɔwowoo mmammarima ne mmammaa maa no bio.


Na ɔwɔ yerenom, ahenemma ahanson ne mpenafoɔ nso ahasa; na ne yerenom no maa ɔdanee n’akoma firii Onyankopɔn ho.


Wɔn din nie: Hur ba wɔ Efraim bepɔ so;


Na Rehoboam dɔ Absalom ba Maaka sene ne yerenom ne ne mpenafoɔ nyinaa, (na ɔwaree yerenom dunwɔtwe ne mpenafoɔ aduosia, na ɔwowoo mmammarima aduonu nwɔtwe ne mmammaa aduosia).


Anadwofa na ɔkorɔ, na anɔpa na ɔsane kɔ mmaa fie a ɛtɔ so mmienu, a ɛhyɛ ɔhene piani Saasgas a ɔhwɛ ne mpenafoɔ so aseɛ no mu. Na ɔnkɔ ɔhene nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no pɛ na ɔbɔ ne din frɛ no.


Ɛnyɛ baako na Onyankopɔn yɛɛ mo wɔ ne honhom mu? Na ɛdeɛn ntira, sɛ mobɛwo mma a nyamesuro wɔ wɔn mu. Enti monhwɛ mo ho yie mo honhom ho, na ntwa wo mmeranteberɛ mu yerɛ nkontompo.


Na wo Betlehem, Yuda asase, wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa, ɛfiri sɛ wo mu na ɔsafohene a ɔbɛhwɛ me man Israel so no bɛfiri aba.


Na wɔsiee no n’agyapadeɛ mu, Timnat-sera a ɛwɔ Efraim bepɔ soɔ wɔ Gaas bepɔ atifi fam.


Na Aaron ba Eleasa nso wui, na wɔkoraa no ne ba Pinehas kuro Gibea a wɔde maa no, Efraim bepɔ soɔ no mu.


Na n’akyiri no, Ibsan a ɔfiri Betlehem buu Israel atɛn.


Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔfiri Efraim bepɔ soɔ a wɔfrɛ no Mika.


Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel, obiara yɛ deɛ ɛtene n’ani soɔ.


Na aberanteɛ bi wɔ hɔ a ɔfiri Betlehem Yuda, Yuda abusua bi mu; na ɔyɛ Lewini, na ɔkɔyɛɛ hɔ hɔhoɔ.


Na ɔbarima no firii Betlehem Yuda kuro no mu sɛ ɔrekɔ baabiara a ɔbɛnya; na n’akwantuo no mu, ɔduruu Mika fie wɔ Efraim bepɔ so.


Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel; na nna no mu nso na Danfoɔ abusuakuo no rehwehwɛ agyapadeɛ atena so, ɛfiri sɛ ɛde bɛsi saa berɛ no na agyapadeɛ bi nnya mmɛtɔɔ wɔn fam Israel mmusuakuo no mu.


Na wɔtwaa mu hɔ kɔɔ Efraim bepɔ so, na wɔduruu Mika fie.


Na hwɛ, akɔkoraa bi firi n’adwuma ano afuom anwummerɛ bae; na onipa no firi Efraim bepɔ so na ɔbɛyɛɛ hɔhoɔ Gibea, na kurom hɔfoɔ yɛ Benyaminfoɔ.


Na ne mpena no firii n’akyi kɔbɔɔ adwaman, na ɔfirii ne nkyɛn kɔɔ n’agya fie Betlehem Yuda na ɔkɔdii hɔ nna bi, abosome nnan.


Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel; obiara yɛ deɛ ɛtene wɔ n’ani so.


Na ɔduruiɛ no, ɔhyɛn totorobɛnto Efraim bepɔ so, na Israelfoɔ no ne no siane firii bepɔ no so, na ɔdii wɔn anim;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan