Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 17:2 - Twerɛ Kronkron

2 Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfaeɛ, a wo deɛ, wobɔɔ ho dua na wokaa no m’aso mu nso no, hwɛ, dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefaeɛ. Na ne na kaa sɛ: AWURADE nhyira me ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Da koro bi, ɔka kyerɛɛ ne na se, “Metee sɛ wodomee ɔkorɔmfo a owiaa wo nnwetɛbona kilogram du abien ne fa fii wo nkyɛn no. Nnwetɛbona no wɔ me nkyɛn. Me ara na mefae.” Ne na kae se, “Awurade nhyira wo, me ba.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfaeɛ, a wo deɛ, wobɔɔ ho dua na wokaa no m’aso mu nso no, hwɛ, dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefaeɛ. Na ne na kaa sɛ: AWURADE nhyira me ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛda koro bi, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Metee sɛ wodomee ɔkorɔmfoɔ a ɔwiaa wo nnwetɛbena kilogram dumienu firii wo nkyɛn no. Ɛyɛ, ɛnie. Me ara na mefaeɛ.” Ne maame kaa sɛ, “Awurade nhyira wo sɛ woaka nokorɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Wo dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfae a wo de, wobɔɔ ho dua na wokae nso ma metee no, hwɛ dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefae. Na ne na kaa sɛ: AWURADE mma nhyira nka me ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 17:2
21 Iomraidhean Croise  

Na ɔhyiraa no sɛ: Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no nhyira nka Abram.


Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Nyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammaa ma wɔn mmammarima, na mogye wɔn mmammaa mema mo mma awadeɛ anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.


Na ɔbɔnefoɔ hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho, na omimfoɔ ka abususɛm yi AWURADE ahi.


Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ.


Deɛ ɔfom n’agya ne ne na adeɛ fa na ɔka sɛ: Ɛnyɛ mmarato! no yɛ ɔdesɛefoɔ adamfo.


Nnome nka deɛ ɔyɛ AWURADE adwuma biara biara, na nnome nka deɛ ɔsianka n’afena firi mogyahwieguo mu.


Ɛnna ɔfitii aseɛ didii nse kekaa ntam sɛ: Mennim onipa no! Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔneeɛ.


Na anka mepɛ sɛ wɔyi me ara firi Kristo ho, yɛ abusudeɛ ma me nuanom a honam fam wɔyɛ m’abusuafoɔ,


Sɛ obi mpɛ Awurade Yesu Kristo asɛm a, ɔnnue! Marana-ta (Yɛn Awurade, bra!).


Nnome nka deɛ ɔyeyɛ n’agya ne ne na! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!


Na deɛ ɔkyea no no yɛ ne nnwuma bɔne no fafafoɔ.


Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔfiri Efraim bepɔ soɔ a wɔfrɛ no Mika.


Na ɔdanee dwetɛ apem ne ɔha no maa ne na. Ne ne na kaa sɛ: Yie na mayi dwetɛ no afiri me nsam ayɛ no kronkron ama AWURADE, sɛ wɔmfa mma me ba, na wɔmfa nyɛ ohoni a wɔasene ne agudeɛ; enti nso mɛdane ama wo.


AWURADE bɔfoɔ kaa sɛ: Monnome Meros, dome na monnome emutefoɔ no, sɛ wɔammɛdi ammoa AWURADE, wɔammɛboa AWURADE antia dɔmmanin no.


Na ɔkaa sɛ: AWURADE nhyira wo, me ba, woama w’akyiri adɔeɛ ayɛ yie sene kan deɛ no, sɛ woanni mmeranteɛ, ahiafoɔ oo, adefoɔ oo, akyire.


Na ɛdenee Israel mmarima da no; na Saulo kaa ɔman no ntam sɛ: Nnome nka obiara a ɔbɛdidie ansa na onwunu adwoɔ, na mentɔ m’atamfoɔ so were. Enti ɔman no mu, obiara amfa aduane anka n’ano.


Na nkurɔfoɔ no mu baako kaa sɛ: W’agya aka dɔm no ntam sɛ: Nnome nka obiara a ɔbɛdidi nnɛ; nso na nkurɔfoɔ no retɔ piti.


Na Samuel duruu Saulo nkyɛn no, Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE nhyira wo. Mama AWURADE asɛm no atim.


Ɛnna Saulo kaa sɛ: AWURADE nhyira nka mo sɛ moahu me mmɔborɔ.


Enti afei ma me wura ɔhene ntie n’akoa nsɛm. Sɛ AWURADE na wahwanyan wo atia me a, ɛnneɛ ma no nnye afɔdeɛ. Na sɛ ɛyɛ nnipa mma deɛ a, wɔadome wɔn, AWURADE anim, sɛ wɔapam me nnɛ sɛ mennnya AWURADE agyapadeɛ no bi, na wɔse: Kɔ na kɔsom anyame foforɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan