Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 12:6 - Twerɛ Kronkron

6 wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ ka sɛ Shibolet, na ɔka sɛ: Sibolet, ɛfiri sɛ ɔntumi nka no yie a, na wɔakye no aku no Yordan atwaeɛ hɔ. Na saa berɛ no Efraimfoɔ mpemaduanan mmienu na ɛtotɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 wɔka kyerɛ no se, ɔnka “Sibolet.” Sɛ ofi Efraim a, ɔka, “Sibolet,” Efisɛ nnipa a wofi Efraim no ntumi nka saa asɛm no yiye. Sɛ ɛba saa a, na wɔakyere no akokum no wɔ Asubɔnten Yordan aworoe so hɔ. Enti Efraimfo mpem aduanan abien na wokunkum wɔn saa bere no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ ka sɛ Shibolet, na ɔka sɛ: Sibolet, ɛfiri sɛ ɔntumi nka no yie a, na wɔakye no aku no Yordan atwaeɛ hɔ. Na saa berɛ no Efraimfoɔ mpemaduanan mmienu na ɛtotɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 wɔka kyerɛ no sɛ, ɔnka “Sibolet.” Sɛ ɔfiri Efraim a, ɔka, “Sibolet,” Ɛfiri sɛ, nnipa a wɔfiri Efraim no ntumi nka saa asɛm no yie. Sɛ ɛba saa a, na wɔakye no akɔkum no wɔ Asubɔnten Yordan aworɔso hɔ. Enti, Efraimfoɔ ɔpeduanan mmienu na wɔkunkumm wɔn saa ɛberɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 wɔka kyerɛ no sɛ: Ɛnne ka sɛ: Shibolet, na sɛ ɔka sɛ: Sibolet, efisɛ ontumi nka no yiye a, na wɔakyere no akum no Yordan atwae hɔ. Na saa bere no Efraimfo ɔpeduanan abien na ɛtotɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 12:6
12 Iomraidhean Croise  

Mma asuo a ayire no mmfa me, na mma ebunu mmmene me, na mma amena nnka me nnhyɛ mu mmmua n’ano.


Matɔ amena kuronkuron atɛkyɛ a gyinabea nni hɔ mu, maduru ebunu a nsuo bu kata me soɔ mu.


Ntɔkwa mfitiaseɛ te sɛ nsuo ano tue, enti ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.


Onua a wɔafom no sene kuro denden, na ntɔkwa te sɛ abankɛseɛ akyiri adaban.


Onyansafoɔ anomu asɛm yɛ nyam, na ɔkwasea ano bɛmene no.


Ɛda no ɛbɛba sɛ AWURADE bɛpore n’aba afiri Asuo Eufrate no hweamo ano akɔsi Misraim subɔn no ano, na wɔatase mo, Israel mma, mmaako mmaako.


Na ɔhunuu wɔn adwene no, ɔsee wɔn sɛ: Ahennie biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no dane amamfo; na kuro anaa efie biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no rennyina.


Na ɛyɛɛ kakra no, wɔn a wɔgyina hɔ no ba bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; wo kasa yi wo adi!


Na ɔsanee bio. Na ɛkyɛree kakra no, wɔn a wɔgyina hɔ no ka kyerɛɛ Petro bio sɛ: Ampa ara wofra wɔn mu; ɛfiri sɛ woyɛ Galileani.


Na sɛ mokeka na momemene mo ho a, monhwɛ yie na moanni mo ho awu.


Na Gilead faa Yordan atwaeɛ twaree Efraim; na sɛ Efraim adwanefoɔ no mu bi ka sɛ: Ma mentwa a, ɛnneɛ Gilead mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Woyɛ Efraimni anaa? Na ɔse: Dabi a,


Na Yefta buu Israel atɛn mfeɛ nsia. Na Gileadni Yefta wui, na wɔsiee no Gilead nkuro no bi mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan