Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 8:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na Saulo nso, penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛseɛ baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so, gye asomafoɔ no nko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saulo penee kum a wokum Stefano no so. Saa da no ara, wɔtaa agyidifo a wɔwɔ Yerusalem no maa wɔn nyinaa bɔɔ ahwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so ma ɛkaa asomafo no nko ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Saulo nso, penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛseɛ baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so, gye asomafoɔ no nko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Saulo penee kum a wɔkum Stefano no so. Saa ɛda no ara, wɔtaa agyidifoɔ a wɔwɔ Yerusalem no maa wɔn nyinaa bɔ hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so maa ɛkaa asomafoɔ no nko ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Saulo nso penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛse baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsaase so, gye asomafo no nko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 8:1
35 Iomraidhean Croise  

Na mesomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Adwuma kɛseɛ na mereyɛ yi, na mentumi mensiane memma. Ɛdeɛn nti na adwuma no nna hɔ na mennya no hɔ nsiane mmra mo nkyɛn?


Na wɔn a aka no kyekyeree ne nkoa no bɔɔ wɔn adapaa kunkumm wɔn.


Hwɛ, yei nti meresoma adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne Atwerɛfoɔ aba mo nkyɛn, na mobɛkum wɔn mu bi abɔ wɔn asɛnnua mu, na moaka wɔn mu bi mpire mo hyia adan mu, na moataa wɔn afiri kuro mu akɔ kuro mu;


Mone asase so nkyene. Na sɛ nkyene dɛ yera a, ɛdeɛn na wɔde bɛhyɛ no nkyene? Ɛnyɛ mma hwee bio, gye sɛ wɔhwie gu, na nnipa tiatia so.


Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsene ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wɔbɛdi mo deɛ so bi.


Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mobɛnya ahoɔden, na moayɛ m’adansefoɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa.


Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetee no ne Ɔmansinihene Herode, ne Saulo.


Na Dawid deɛ, ɔsomm ɔno ara ne berɛ so sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ wieeɛ no, ɔwuiɛ, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ɔhunuu porɔeɛ;


na wɔyii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔwɔ animuonyam ɔman no nyinaa anim. Na Awurade de wɔn a na wɔregye wɔn nkwa kaa asafo no ho daa.


Na wɔrehwie wo danseni Stefano mogya aguo no, na me nso megyina hɔ, na mepenee so, na mehwɛɛ wɔn a wɔrekum no no ntadeɛ so.


ɛno nso na meyɛɛ no Yerusalem, na menyaa asɔfoɔ mpanimfoɔ nkyɛn tumi no, mede ahotefoɔ bebree meguu afiase. Na wɔrekum wɔn a, mede m’ano meto mu bi.


wɔto hyɛɛ asomafoɔ no so de wɔn kɔguu kwasafo afiase.


Monkɔ nkɔgyina asɔrefie nka nkwa yi nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔman no.


Na wɔteeɛ no, ɛtwii wɔn na wɔtuu agyina sɛ wɔbɛku wɔn.


Na wɔtiee no, na wɔfrɛɛ asomafoɔ no bae, na wɔhwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa Yesu din mu, na wɔgyaa wɔn.


Oyi ne deɛ na ɔne ɔbɔfoɔ no wɔ asafo no mu ɛserɛ so hɔ a ɔbɔfoɔ no ne no ne yɛn agyanom kasaa Sinai bepɔ soɔ, na ɔgyee nkwa nsɛm no de brɛɛ yɛn no.


Na wɔtee yeinom no, wɔn ani bereeɛ, na wɔtwɛree wɔn se guu ne so.


na wɔsunsumm no firii kuro no mu kɔsii no aboɔ. Na adansefoɔ no de wɔn ntoma guguu aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Saulo nan ase.


Na asomafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafoɔ agye Nyankopɔn asɛm no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn.


Nso nnipa nyamesurofoɔ bi siee Stefano, na wɔsuu no pii.


Ɛnna wɔn a wɔhweteeɛ no kyinkyini kɔkaa asɛmpa no.


Na Filipo kɔɔ Samaria kuro bi mu kɔkaa Kristo ho asɛm kyerɛɛ wɔn.


Ɛnna asafo no nyaa asomdwoeɛ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa, na wɔnyini kɔɔ so; na wɔnam Awurade suro ne Honhom Kronkron awerɛkyekyerɛ mu dɔree.


Na wɔnim Nyankopɔn ahyɛdeɛ yie sɛ owuo na ɛsɛ wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma yi deɛ, nanso ɛnyɛ yɛ nko ara na wɔyɛ, na mmom wɔpene wɔn a wɔyɛ saa adeɛ no bi no so.


Na anuanom, mepɛ sɛ mohunu sɛ deɛ ayɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom,


Gyidie nti na ɔgyaa Misraim hɔ, na wansuro ɔhene abufuo, na mmom ɔmiaa n’ani tenaa mu sɛdeɛ ɔhunu deɛ wɔnhunuu no no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan