Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 22:3 - Twerɛ Kronkron

3 Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔtetee me kuro yi mu wɔ Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Nyankopɔn som ho mmɔden, sɛdeɛ mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso a ɛwɔ Kilikia. Wɔtetew me wɔ Yerusalem wɔ Gamaliel nan ase. Misuaa sɛnea wodi Yudafo mmara ne wɔn amanne so pɛpɛɛpɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ biribiara a meyɛ no, mede bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam sɛnea mo nyinaa nso reyɛ nnɛ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔtetee me kuro yi mu wɔ Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Nyankopɔn som ho mmɔden, sɛdeɛ mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso a ɛwɔ Kilikia. Wɔtetee me wɔ Yerusalem wɔ Gamaliel nan ase. Mesuaa sɛdeɛ wɔdi Yudafoɔ mmara ne wɔn amanneɛ so pɛpɛɛpɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ biribiara a meyɛ no, mede bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛdeɛ mo nyinaa nso reyɛ ɛnnɛ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔyɛn me kurow yi mu Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Onyankopɔn som ho mmɔden sɛnea mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 22:3
27 Iomraidhean Croise  

Ɛno nti ɔhene frɛɛ Gibeonfoɔ no. Nso na Gibeonfoɔ no mfiri Israelfoɔ mu, na mmom wɔyɛ Amorifoɔ nkaeɛ no bi, — na Israelfoɔ aka ntam akyerɛ wɔn sɛ wɔrenkum wɔn, nanso Saulo hwehwɛɛ sɛ ɔku wɔn wɔ mmɔden a wɔbɔ maa Israel ne Yudafoɔ no mu.


Na Elisa sane baa Gilgal. Na ɛkɔm aba asase no so, na adiyifoɔ mma no tete n’anim. Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra sɛ: Fa ɛsɛnkɛseɛ si so noa aduane ma adiyifoɔ mma no.


Na Marta wɔ onuabaa bi a wɔfrɛ no Maria a ɔtenaa Awurade nan ase tiee n’asɛm.


Na ɛbaa sɛ ne nnansa soɔ no, wɔkɔhunuu no wɔ asɔrefie sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ ntam retie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm.


Na wɔfirii adi bɛhwɛɛ deɛ asie; na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wɔbɛhunuu onipa a ahonhommɔne firii ne mu kɔeɛ no sɛ ɔte Yesu nan ase fira ntoma a n’adwene mu ateɛ; na wɔsuroe.


Na ɔfiri hɔ kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo;


na wɔtwerɛɛ nwoma hyɛɛ wɔn nsa sɛ: Asomafoɔ ne anuanom mpanimfoɔ no kyea anuanom a wɔfiri amanaman mu a wɔwɔ Antiokia ne Siria ne Kilikia no.


Na ɔkɔtwaa mu Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.


Na wɔteeɛ no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam; na wɔka kyerɛɛ no sɛ; Onua, wohunu Yudafoɔ mpempem a wɔagye adie a wɔn nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden.


Na Paulo kaa sɛ: Meyɛ Yudani a mefiri Tarso, Kilikia kuro a ɛwɔ din pa ara no mu nipa ne me. Nanso mesrɛ wo, ma me kwan na menkasa menkyerɛ ɔman no.


Na amrado no kenkan nwoma no wieeɛ, na ɔbisaa ɔman ko a ɔfiri mu, na ɔtee sɛ ɔfiri Kilikia no,


Na Paulo hunuu sɛ nnipa no fa yɛ Sadukifoɔ, na ɔfa nso yɛ Farisifoɔ no, ɔteaa mu badwa mu hɔ sɛ: Anuanom, meyɛ Farisini ne Farisifoɔ ba; awufoɔ sɔreɛ ne ɛho anidasoɔ nti na wɔrebu me atɛn yi.


Na wɔnim me firi mfitiaseɛ dada, nso sɛ wɔpɛ sɛ wɔdi ɛho adanseɛ a, wɔnim me sɛ mefraa fekuo a wɔdi yɛn som so pɛpɛɛpɛ no mu, mebɔɔ me bra sɛ Farisini.


Ɛwɔ mu sɛ ɛyɛɛ me ara nso sɛ, ɛsɛ me sɛ meyɛ nnoɔma pii metia Yesu Nasareni no din;


Na badwafoɔ no mu baako a ɔyɛ Farisini, a ne din de Gamaliel, a ɔyɛ mmarakyerɛni, a ɔman no nyinaa bu no sɔre hyɛɛ sɛ wɔmfa nnipa no mfiri adi kakra.


Na nnipa bi a wɔfiri hyiadan a wɔfrɛ no Fawohodiefoɔ Hyiadan ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne wɔn a wɔfiri Kilikia ne Asia sɔreeɛ, na wɔne Stefano gyee akyinnyeɛ,


Na Saulo a ɔda so home ahunahuna ne okum home gu Awurade asuafoɔ soɔ no kɔɔ ɔsɔfo panin nkyɛn


Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ borɔno a wɔfrɛ no Turodoo no so, na kɔbisa obi a wɔfrɛ no Saulo a ɔfiri Tarso no akyiri kwan wɔ Yuda fie; na hwɛ, ɔrebɔ mpaeɛ,


Na anuanom no teɛɛ no, wɔde no siane kɔɔ Kaesarea, na wɔgyaa no kwan maa no kɔɔ Tarso.


Na afei mese: Onyankopɔn ato ne man atwene anaa? Dabi da, na me nso meyɛ Israelni a mefiri Abraham asefoɔ mu, Benyamin abusuakuo mu.


Wɔyɛ Hebrifoɔ? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfoɔ? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefoɔ? Me nso meyɛ bi.


na menyaa nkɔsoɔ Yudafoɔ som mu kyɛnee m’atipɛnfoɔ bebree m’abusua mu, na mebɔɔ agyanom atetesɛm ho mmɔden bebree maa no traa so.


Ɛno akyiri no, mebaa Siria ne Kilikia fam.


Aane, ɔdɔ ne man, n’akronkronfoɔ nyinaa wɔ ne nsam. Na wɔn deɛ, wɔtete wo nan ase na wɔtie w’asɛm.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan