Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 7:3 - Twerɛ Kronkron

3 AWURADE sakyeraa n’adwene yei ho: Ɛrenyɛ hɔ! AWURADE na ɔseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛno nti, Awurade bo dwoe. Na ogyaee nʼatirimpɔw no. Ɔkae se, “Merenyɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 AWURADE sakyeraa n’adwene yei ho: Ɛrenyɛ hɔ! AWURADE na ɔseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ. Na ɔgyaee nʼatirimpɔ no. Ɔkaa sɛ, “Merenyɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 AWURADE sakraa n’adwene eyi ho: Ɛrenyɛ hɔ! AWURADE na ose.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 7:3
16 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE kaa sɛ: Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afiri asase ani, ampa ara, ɛfiri onipa so kɔsi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne ewiem nnomaa so, ɛfiri sɛ manu me ho sɛ meyɛɛ wɔn.


Na Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ Yerusalem sɛ ɔnkɔsɛe hɔ. Na ɔrebɛsɛe hɔ no, AWURADE hwɛe, na ɔnuu ne ho mmusuo no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔresɛe hɔ no sɛ: Ɛdɔɔso, afei pono wo nsa. Nso na AWURADE bɔfoɔ no gyina Yebusini Ornan ayuporebea ho.


Na ɔkaee n’apam maa wɔn, na n’adɔeɛ dodoɔ nti ɔyɛɛ ntimmɔborɔ.


Na ɔno deɛ, ɔyɛ ntimmɔborɔ nti, ɔkataa wɔn amumuyɛ so, na wansɛe nnipa; na ɔtaa sianka n’abufuo, na wanhwanyan n’awerɛhoɔ nyinaa.


AWURADE, sane w’akyi, da bɛn ara? Na ma wo nkoa nyɛ wo mmɔbɔ.


Na AWURADE nuu ne ho wɔ bɔne a ɔkaa sɛ ɔrebɛyɛ ne man no ho.


Kum na Yudahene Hesekia ne Yuda nyinaa kum no anaa? Ɛnyɛ AWURADE na ɔsuroo no, na ɔkoto srɛɛ AWURADE, na AWURADE nso nuu ne ho bɔne a ɔka guu wɔn soɔ no ho? Na yɛn deɛ, yɛreyɛ bɔne kɛse atia yɛn kra yi?


Sɛ mobɛtena asase yi so a, ɛnneɛ mɛpagya mo asi hɔ, na merennwiri, na mɛdua mo, na merentutu mo, ɛfiri sɛ manu me ho, mmusuo a mede aba mo soɔ no nti.


Anka mɛyi wo mama sɛn, O Efraim, na magyaa wo mu sɛn, O Israel! Adɛn nti na mɛyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim? M’akoma adane wɔ me mu, aane! mmɔborɔhunu agye me yam nyinaa.


Monsunsuane mo akoma, na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu, na monsane mmra AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn, na ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, ne bo kyɛre fu, na n’adɔeɛ so, na ɔsakyera n’adwene wɔ adebɔne ho.


Ebia, obi nnim, ɔbɛsane na wasakyera n’adwene, na wagya n’akyiri nhyira, a ɛyɛ aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa a wɔde bɛkyɛ AWURADE mo Nyankopɔn.


Montane bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kuro apono mu; ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn bɛhunu Yosef nkaeɛ no mmɔbɔ.


AWURADE sakyeraa n’adwene yei ho. Yei nso renyɛ hɔ! AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ.


Na Onyankopɔn hunuu wɔn nneyɛɛ, sɛ wɔasane afiri wɔn akwammɔne no soɔ, na ɔsesaa n’adwene wɔ bɔne a ɔkaa sɛ ɔde bɛyɛ wɔn no ho, na wanyɛ.


Na AWURADE bɛbu ne man atɛn, na ne nkoa bɛyɛ no mmɔbɔ, berɛ a ɔbɛhunu sɛ wɔahodwo koraa, na akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ bio.


Monkeka mo mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na momommɔ mpaeɛ mmema mo ho mo ho, na wɔasa mo yadeɛ. Onipa tenenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ nnoɔma bebree.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan