Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 2:1 - Twerɛ Kronkron

1 Efeso asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura nsoromma nson ne nifa mu, deɛ ɔnam sika nkaneadua nson no mfimfini no seɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a otua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no se: Eyi ne nsɛm a efi obi a okura nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu a ɔnantew wɔ sika akaneadua ason no ntam no hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Efeso asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura nsoromma nson ne nifa mu, deɛ ɔnam sika nkaneadua nson no mfimfini no seɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔtua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no sɛ: Yei ne nsɛm a ɛfiri obi a ɔkura nsoromma nson wɔ ne nsa nifa mu a ɔnante wɔ sika nkaneadua nson no ntam no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Efeso asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea okura nsoromma ason ne nifa mu, nea ɔnam sika akaneadua ason no mfinimfini no se:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 2:1
20 Iomraidhean Croise  

Na ɔberempɔn no, sɛ wɔreba mu a, ɔmfra wɔn mu mmra mu, na sɛ wɔrefiri adi a, ɔne wɔn mfiri adi.


Na deɛ baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔn mfimfini.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Ɔno ne kanea a ɛdɛre na ɛhyerɛn; na mo deɛ, mopɛɛ sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.


Na wɔbaa Efeso, na ɔgyaa wɔn hɔ; na ɔno ara deɛ, ɔkɔɔ hyiadan mu ne Yudafoɔ kɔyɛɛ nhwehwɛmu dendeenden.


Na ɔkraa wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsane maba mo nkyɛn bio. Na ɔfirii Efeso sii nsuo ani.


Na ɛbaa sɛ berɛ a Apolo wɔ Korinto no, Paulo kyinii amantifi asase so, na ɔbɛduruu Efeso; na ɔbɛtoo asuafoɔ bi no,


Na baakoyɛ bɛn na Nyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte aseɛ no asɔrefie, sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ: Mɛtena wɔn mu, na manante wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.


na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nifa mu, na afena anofanu nnamnnam firi n’anomu, na n’anim te sɛ owia rehyerɛn n’ahoɔden mu.


Nsoromma nson a wohunu no me nifa soɔ no ahuntasɛm no, ne sika akaneadua nson no: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, na akaneadua nson a wohunuiɛ no yɛ asafo nson no.


Na nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ bi yii ne ho adi ɔsoro. Ɔbaa bi a ɔfira owia, na ɔsrane wɔ ne nan aseɛ, na nsoromma dummienu abotire bobɔ ne tire


Na Pergamo asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura afena anofanu nnamnnam no seɛ:


Na Tiatira asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na Nyankopɔn Ba a n’ani te sɛ ogyaframa na ne nan te sɛ yaawa fɛfɛ no seɛ:


Na Smirna asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ, deɛ ɔwuiɛ na ɔte ase bio no seɛ:


Na Sardi asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no seɛ: Menim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote aseɛ, nanso woawuo.


Na Laodikea asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na Amen, ɔdanseni a ɔsɛ sɛ wɔgye no die na ɔyɛ ɔnokwafoɔ no, Nyankopɔn abɔdeɛ farebae no seɛ:


Na Filadelfia asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni, ɔnokwafoɔ no, deɛ ɔkura Dawid safoa, na ɔhini na obi nto mu, na ɔto mu, na obi nhini no, seɛ:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan