Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 4:26 - Twerɛ Kronkron

26 ne adihɔ no ho ntwamutam ne adihɔ a ɛtwa tenabea ne afɔrebukyia no ho hyia no aboboano nkataano no ne ne ntampehoma ne ɛho adwuma ho nnoɔma nyinaa; na wɔnyɛ biribiara a ɛhia sɛ wɔyɛ no wɔ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Afei, wɔbɛsoa nkataho a ɛkata adiwo hɔ fasu no ho no. Wɔbɛsoa ntama a etwa adiwo hɔ kwan no ano ne afɔremuka ne Ahyiae Ntamadan no ntam no. Wɔbɛsoa afɔremuka no, ntampehama ne nea ɛkeka ho nyinaa. Wɔn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ twe eyinom nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

26 ne adihɔ no ho ntwamutam ne adihɔ a ɛtwa tenabea ne afɔrebukyia no ho hyia no aboboano nkataano no ne ne ntampehoma ne ɛho adwuma ho nnoɔma nyinaa; na wɔnyɛ biribiara a ɛhia sɛ wɔyɛ no wɔ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Afei, wɔbɛsoa nkataho a ɛkata adihɔ hɔ ɔfasuo no ho no. Wɔbɛsoa ntoma a ɛtwa adihɔ hɔ ɛkwan no ano ne afɔrebukyia ne Ahyiaeɛ Ntomadan no ntam no. Wɔbɛsoa afɔrebukyia no, ntampehoma ne deɛ ɛkeka ho nyinaa. Wɔn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ, twe yeinom nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 ne adiwo no ho mmɔhɔɔ ne adiwo a etwa tenabea ne afɔremuka no ho hyia no abobow ano nkataano no, ne ne ntampehama ne ɛho adwuma ho nneɛma nyinaa; na wɔnyɛ ho adwuma a ehia sɛ wɔyɛ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 4:26
4 Iomraidhean Croise  

tenabea no ho mpɛɛwa ne ɛho ntampehoma;


Na yɛ tenabea no adihɔ: Na adihɔ ntwamutam a wɔde asaawa fitaa a wɔafira anwono a ne tentene yɛ basafa aduonum nni hɔ wɔ fa baako wɔ anafoɔ fam a ɛkyerɛ nifa,


Na ɔyɛɛ adihɔ no: Anafoɔ fam a ɛkyerɛ adihɔ ntwamutam a wɔde asaawa fitaa a wɔafira anwono, basafa aduonum,


Aaron ne ne mma asɛm so na Gersonfoɔ mma no nyɛ wɔn adwuma nyinaa, wɔn asɛdeɛ nyinaa ne wɔn adwuma no nyinaa fam; na momfa wɔn nnwuma nyinaa nhyɛ wɔn nsa na wɔnhwɛ so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan