Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 1:3 - Twerɛ Kronkron

3 Sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛfiri anantwie mu a, ɔmfa onini a ɔdi mu mmra; ahyiaeɛ ntomadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “ ‘Sɛ mo ɔhyew afɔrebɔde no yɛ nantwi a ofi mo nantwibuw mu a, momfa nantwi a onnii dɛm na ɛmmɔ saa afɔre no sɛnea ɛbɛsɔ Awurade ani. Fa aboa no kɔ Ahyiae Ntamadan no pon ano na ɛhɔ na asɔfo no begye wʼayɛyɛde a wode rebrɛ Awurade no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛfiri anantwie mu a, ɔmfa onini a ɔdi mu mmra; ahyiaeɛ ntomadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “ ‘Sɛ mo afɔrebɔdeɛ a mode rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no yɛ nantwie a ɔfiri mo nantwibuo mu a, momfa nantwie a ɔnnii dɛm na mommɔ saa afɔdeɛ no sɛdeɛ ɛbɛsɔ Awurade ani. Fa aboa no kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano na ɛhɔ na asɔfoɔ no bɛgye wʼayɛyɛdeɛ a wode rebrɛ Awurade no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Sɛ n'ayɛyɛde no yɛ ɔhyew afɔre a efi anantwi mu a, ɔmfa onini a odi mu mmra; ahyiae ntamadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 1:3
79 Iomraidhean Croise  

Na Abraham maa n’ani so, na ɔhunuu odwennini a dɔtɔ asɔ ne mmɛn mu wɔ n’akyi. Na Abraham kɔfaa odwennini no de no sii ne ba no ananmu bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Na ɔkaa sɛ: Fa wo ba, wo ba korɔ a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ hɔ, wɔ mmepɔ no mu baako a mɛkyerɛ woɔ so.


Na Abraham se: Me ba, Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ adwammaa no. Na wɔn baanu kɔe.


Na Noa sii afɔrebukyia maa AWURADE, na ɔfaa ntɔteboa a wɔn ho teɛ nyinaa mu bi ne nnomaa a wɔn ho teɛ nyinaa mu bi de wɔn bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ bukyia no so.


Na ɔhyeɛ afɔdeɛ a badwa no de baeɛ no ano si anantwie aduɔson, adwennini ɔha, nnwammaa ahanu. Yei nyinaa wɔde bɔɔ AWURADE ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Na wɔyii ɔhyeɛ afɔdeɛ no sɛ wɔde rema ɔman mma no mpanimfie nkyekyɛmu no, sɛ wɔmfa nkɔma AWURADE sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose nwoma mu no, ne anantwie no nso saa ara.


Wo man bɛyi wɔn yam koraa aba wo koda no, aduradeɛ kronkron mu, wo mmeranteɛ asafo ba ma wo sɛ obosuo firi adekyeeɛ yam.


Deɛ mepɛ ne sɛ mɛyɛ deɛ wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ m’akomam.


Adwammaa a ɔnni dɛm na momfa, onini a wadi afe wɔ nnwanten anaa mmirekyie mu.


Na ɔsomaa Israelfoɔ no mu mmeranteɛ, na wɔde anantwinini kɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ maa AWURADE.


Na hye odwennini mu no nyinaa afɔrebukyia no so. Ɛyɛ AWURADE hyeɛ afɔdeɛ, adeɛ a ɛyi hwa hwanhwam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ.


Na fa Aaron ne ne mma no bra ahyiaeɛ ntomadan no ano, na fa nsuo dware wɔn.


Ɛnyɛ daa hyeɛ afɔdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu a mommɔ no ahyiaeɛ ntomadan no ano, AWURADE anim, deɛ me ne mo bɛhyia na me ne wo akasa hɔ.


Na wɔtuaa nhema bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ; na ɔman no tenaa ase didii nomee, na wɔsɔre goroe.


Na wɔbae, obiara a n’akoma kanyan no ne obiara a ne honhom kaa no, na wɔde AWURADE mmasoɔ afɔrebɔdeɛ baa sɛ wɔmfa nyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ne ɛho som nnoɔma nyinaa ne ntadeɛ kronkron no.


Na Israelfoɔ mu mmarima ne mmaa nyinaa a wɔn akoma pɛ wɔn sɛ wɔmfa nnwuma a AWURADE nam Mose so hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no ho biribi mmra no de ayamyi ayɛyɛdeɛ brɛɛ AWURADE.


Monyi mmasoɔ afɔrebɔdeɛ wɔ mo mu mmrɛ AWURADE; obiara a n’akoma pɛ no mfa mmasoɔ afɔrebɔdeɛ mmrɛ AWURADE: Sika, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ,


Na wɔgyee mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a Israelfoɔ de baa sɛ wɔmfa nyɛ kronkronbea som ho adwuma no nyinaa Mose anim sɛ wɔde bɛyɛ. Na wɔkɔɔ so ara de ayamyi ayɛyɛdeɛ brɛɛ no daa anɔpa.


Na ɔde okuo yɛɛ ɔhyeɛ afɔrebukyia no, ne tentene yɛ basafa mmienu ne fa, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmienu ne fa, ɛyɛ ahinanan, na ne sorokorɔ yɛ basafa baako ne fa.


Mo afɔdeɛ dodoɔ yɛ me deɛn? AWURADE na ɔseɛ. Adwennini hyeɛ afɔdeɛ ne nyɛmmoa sradeɛ afono me; na anantwie anaa nnwammaa anaa mpapo mogya, nsɔ m’ani.


Na bepɔ kronkron, Israel bepɔ a ɛkorɔn no so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ɛhɔ na Israel fie nyinaa, wɔn dodoɔ a ɛwɔ asase no soɔ nyinaa bɛsom me; ɛhɔ na wɔbɛsɔ m’ani, na ɛhɔ nso na mɛbisa mo mmasoɔ adeɛ ne mo ayɛyɛdeɛ mu adikanneɛ, mo akronkronneɛ nyinaa mu.


Na ɛpono kɛseɛ no ntwonoo no mu no, apono mmienu sisi ha, na mmienu nso sisi ha, na ɛho na wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie afɔdeɛ.


Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no firi nnwan mu, nnwanten anaa mmirekyie mu, na ɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, onini a ɔdi mu na ɔmfa mmra.


Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa nnwanten mma mmienu a wɔdi mu, ne odwammaa bedeɛ baako a wadi afe a ɔdi mu, ne aduane afɔdeɛ esiam efa abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afɔre, ne ngo toa ma baako mmra.


Na ɔmfa mpapo mmienu no mmɛgyina AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano.


na ɔmfa mma ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛyɛ ayɛyɛdeɛ mma AWURADE wɔ tenabea anim no, wɔbɛbu mogya agu ne so, waka mogya agu, na wɔbɛtwa saa onipa no afiri ne man mu atwene,


Na wɔn deɛ, ka kyerɛ wɔn sɛ: Obiara a ɔfiri Israel fie anaa ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ bie,


na wamfa amma ahyiaeɛ ntomadan ano ammɛbɔ amma AWURADE no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.


Na ɛda a mohim efi no, momfa odwanten ba a ɔdi mu a wadi afe mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma AWURADE,


Na momfa nnwanten mma nson a wɔdi mu a wɔadi afe afe ne nantwiburuwa baako ne adwennini mmienu nka paanoo no ho; wɔnyɛ AWURADE ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na sɛ obi ayɛyɛdeɛ yɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na anantwie no bi na ɔde reba a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔdi mu na ɔmfa no mmra AWURADE anim.


Na asafo no mu mpanimfoɔ mfa wɔn nsa ngu nantwinini no atifi, na wɔnkum nantwie no, AWURADE anim.


ɛnneɛ, ɔmfa n’ayɛyɛdeɛ a ɛyɛ ɔpapo a ɔdi mu mmra;


sɛ nso ɔsɔfoɔ a wɔasra no ɔsɔfo panin yɛ bɔne ma ɔman no di so a, ɛnneɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ nti ma no mfa nantwie ba onini a ɔdi mu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.


Na sɛ ɔde adwammaa bɛyɛ n’ayɛyɛdeɛ ba bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a, ɔmfa ɔbedeɛ a ɔdi mu mmra.


Sɛ obi anhyɛ da yɛ bɔne a ɛyɛ kusumdie wɔ AWURADE akronkronneɛ ho a, ɛnneɛ, n’asodie afɔdeɛ a ɔmfa mmrɛ AWURADE ne odwennini a ɔdi mu, sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ, dwetɛ nnwetɛbena mu, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; na ɛnyɛ asodie ho afɔdeɛ.


na ɔmfa odwennini a ɔdi mu mmrɛ ɔsɔfoɔ no, sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ, na ɛnyɛ asodie ho afɔdeɛ; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, fom a wafom na wanhunu no ho, na wɔde bɛkyɛ no.


Sɛ obi yɛ bɔne di AWURADE kusum sɛ ɔsane ne yɔnko adeɛ bi a ɔde ama no asie, anaasɛ ɔde ahyɛ ne nsa, anaasɛ ɔbɔ korɔno, anaasɛ ɔdi ne yɔnko amim,


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ bɔhyɛ anaa ayamyi ayɛyɛdeɛ a, wɔnni no da a ɔbɔ n’afɔdeɛ no, na sɛ adeɛ kye bi so a, wɔnni ara;


Na ɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ dwennini no bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no atifi.


Na n’ayamdeɛ ne ne nnyawa no, ɔde nsuo hohoroo ho. Na Mose too odwennini mu no nyinaa mu gya, afɔrebukyia no so; ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ne no, AWURADE gya afɔdeɛ ne no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


na ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa nantwie ba a wode bɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wode bɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, wɔnni mu, na fa bra AWURADE anim.


Afena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo AWURADE asɛm nie; bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no nhwete, na mɛdane me nsa aba nkumaa no so.


Nnome nka deɛ ɔsisie, ɔde onini a ɔwɔ ne nnwankuo mu hyɛ bɔ, nanso ɔde deɛ watɔ ape bɔ AWURADE afɔdeɛ no; ɛfiri sɛ ɔhenkɛseɛ ne me, asafo AWURADE na ɔseɛ, na me din ho yɛ hu, amanaman mu.


na morebɔ ogya afɔdeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ a mode reyɛ aboadeɛ, anaa ɛyɛ ayamyi afɔdeɛ, anaa mo afahyɛ ase deɛ, sɛ morema no ayi hwa hwanhwam ama AWURADE a,


Na sɛ nantwie ba na wode rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ de ayɛ w’aboadeɛ, anaasɛ wode rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a,


Yei ne mmara mu ahyɛdeɛ a AWURADE ahyɛ sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔmfa nantwibereɛ kɔkɔɔ a ɔdi mu a ɔnni dɛm a kɔnnua nkɔɔ ne so pɛn mmrɛ wo;


Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atorɔ, anaa onipa ba, na wanu ne ho. Ɔno deɛ, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ, anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma no ntim?


Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Bra na memfa wo menkɔ baabi foforɔ, ebia ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani sɛ wobɛdome wɔn ama me wɔ hɔ.


Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Kɔgyina wo hyeɛ afɔdeɛ no ho, na menkɔ. Ebia AWURADE bɛhyia me, na ade ko a ɔbɛma mahunu no, mɛka makyerɛ wo. Na ɔsii mu kɔɔ kokoɔ pataa bi so.


Na Balak yɛɛ sɛdeɛ Bileam kaeɛ no, na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia biara so.


Na mo abosome foforɔ mfitiaseɛ nso, momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ mmrɛ AWURADE: Anantwinini mmienu ne odwennini baako, nnwanten mma nson a wɔadi afe afe a wɔdi mu;


na momfa ogya afɔdeɛ a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, anantwinini mmienu ne odwennini baako ne nnwanten mma nson a wɔadi afe afe; monhwɛ sɛ wɔdi mu;


monyɛ yei ne ɛho ahwiesa no nka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ no ho; monhwɛ sɛ wɔdi mu.


Na momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mmrɛ AWURADE: Anantwinini dummiɛnsa, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu;


Na mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE: Nantwinini baako, odwennini baako, nnwanten mma a wɔadi afe afe nson a wɔdi mu;


Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Deɛ Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no Nyankopɔn ba.


Na ɔhunuu Yesu a ɔnenam hɔ no, ɔkaa sɛ: Hwɛ, Nyankopɔn adwammaa no nie!


Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mene nnwan no pono no.


Mene ɛpono no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wɔbɛgye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na ɔbɛfiri adi, na ɔbɛnya adidibea.


Na sɛ akoma a ɛpɛ no wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛdeɛ onii wɔ adeɛ, na ɛnyɛ sɛdeɛ ɔnnie.


Sɛdeɛ obiara asusu n’akoma mu no, ɔmma, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ mu, ɛfiri sɛ deɛ ɔte n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.


ɛfiri sɛ ne so na yɛn baanu nyinaa nam honhom baako mu anya kwan kɔ Agya no nkyɛn.


na ɔde asafo no asi hɔ animuonyam mu, a nkekaeɛ anaa mpomponeeɛ anaa yeinom biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a ɛdɛm nso nni ho.


Na fa nam ne mogya no bɔ wo hyeɛ afɔdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia so, na wɔnhwie w’afɔdeɛ no mogya ngu n’afɔrebukyia no so, na nam no deɛ, di.


Na sɛ ɛdɛm bi wɔ ne ho, ɔtɔ apakye anaasɛ n’ani afira, anaasɛ ɛdɛmmɔne biara wɔ ne ho a, mfa no mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔdeɛ;


Mfa nantwie anaa odwan a ne ho wɔ dɛm anaa adebɔne biara mmɔ afɔdeɛ mma AWURADE wo Nyankopɔn, ɛfiri sɛ ɛyɛ n’akyiwadeɛ.


Na ɔsɔfo panin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panin yi a ne ho teɛ, ɔnni bɔne, ne ho nni nkekaeɛ, wɔayi no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho, na wɔama no so akyɛne soro.


mprɛ ahe ara na Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ, a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rente mo ahonim ho mfiri nnwuma funu mu nkɔsom Onyankopɔn a ɔte aseɛ?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan