Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 1:2 - Twerɛ Kronkron

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mo mu nipa bi de ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, afieboa a ɔfiri anantwie ne nnwan mu na momfa nyɛ mo ayɛyɛdeɛ mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Kyerɛ Israelfo no se, ‘sɛ morebɔ Awurade afɔre a, momfa mo anantwi ne mo nguan no bi na mommɔ saa afɔre no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mo mu nipa bi de ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, afieboa a ɔfiri anantwie ne nnwan mu na momfa nyɛ mo ayɛyɛdeɛ mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘sɛ morebɔ Awurade afɔdeɛ a, momfa mo anantwie ne mo nnwan no bi na mommɔ saa afɔdeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Kasa kyerɛ Israelfo, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mo mu bi de ayɛyɛde rebrɛ AWURADE a, afieboa a ofi anantwi ne nguan mu na momfa nyɛ mo ayɛyɛde mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 1:2
13 Iomraidhean Croise  

Na ɛbaa sɛ nna bi akyiri no, Kain de afuom nnoɔma bɛyɛɛ AWURADE ayɛ.


nanso Kain ne n’ayɛyɛdeɛ no deɛ, n’ani ansɔ. Kain bo fuu pii, na ɔmunae.


Momfa AWURADE din no animuonyam mma no, monsoa ayɛyɛdeɛ mmra n’anim. Monsɔre AWURADE wɔ ahokeka kronkron mu.


Na ɛno akyiri no, wɔbɔɔ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne abosome foforɔ deɛ, ne AWURADE afahyɛ a wɔahyɛ no kronkron no nyinaa deɛ no ne wɔn a wɔde ayamyi adeɛ brɛɛ AWURADE no nyinaa deɛ nso.


Dɔteɛ afɔrebukyia na yɛ ma me, na ɛso na fa wo nnwan ne w’anantwie bɔ ɔhyeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na baabiara a mɛma wɔakae me din no, mɛba wɔn nkyɛn mabɛhyira wɔn.


na morebɔ ogya afɔdeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ a mode reyɛ aboadeɛ, anaa ɛyɛ ayamyi afɔdeɛ, anaa mo afahyɛ ase deɛ, sɛ morema no ayi hwa hwanhwam ama AWURADE a,


ɛnneɛ ɔbarima no mfa ne yere no mmra ɔsɔfoɔ no anim. Na ɔmfa ɔbaa no ho ayɛyɛdeɛ, atokosiam olonka abupɛn du mu baako mmra: Ɔnngu so ngo nanso ɔnnto so ohwamfufuo, na ɛyɛ ninkunu ho aduane afɔdeɛ, nkaeɛ aduane afɔdeɛ a wɔde kae amumuyɛ.


nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde wɔn rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;


Na mo deɛ, mose: Sɛ onipa bi se n’agya anaa ne na sɛ: Adeɛ a anka wode bɛnya me ho mfasoɔ no yɛ Korban (Ɛne sɛ, wɔde ma Onyankopɔn) a,


Enti, anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so metu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɛte aseɛ, a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Nyankopɔn ani, a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.


Na yɛwowɔ adom akyɛdeɛ a nsonsonoeɛ deda mu, sɛdeɛ adom a wɔde adom yɛn no teɛ. Sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a, ma no nhyɛ no sɛdeɛ gyidie nsusuiɛ pa no teɛ.


na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan