Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 24:21 - Twerɛ Kronkron

21 Ɛnna Arauna bisaa sɛ: Adɛn nti na me wura ɔhene reba n’akoa nkyɛn yi? Na Dawid buaa sɛ: Merebɛtɔ wo hɔ ayuporebea no, na masi afɔrebukyia mama AWURADE, na wɔasi ɔhaw no kwan afiri ɔman no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Arauna bisae se, “Adɛn nti na woaba, me wura?” Dawid buae se, “Merebɛtɔ awiporowbea hɔ, na masi afɔremuka wɔ hɔ ama Awurade, sɛnea Awurade bɛma ɔyaredɔm no agyae.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

21 Ɛnna Arauna bisaa sɛ: Adɛn nti na me wura ɔhene reba n’akoa nkyɛn yi? Na Dawid buaa sɛ: Merebɛtɔ wo hɔ ayuporebea no, na masi afɔrebukyia mama AWURADE, na wɔasi ɔhaw no kwan afiri ɔman no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Arauna bisaa sɛ, “Adɛn enti na woaba, me wura?” Dawid buaa sɛ, “Merebɛtɔ ayuporobea hɔ, na masi afɔrebukyia wɔ hɔ ama Awurade, sɛdeɛ Awurade bɛma ɔyaredɔm no agyae.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Ɛnna Arauna kae sɛ: Ɛdɛn nti na me wura ɔhene ba n’akoa nkyɛn yi? Na Dawid se: Merebɛtɔ wo hɔ awiporowbea no, na masi afɔremuka mama AWURADE, na wɔasiw ɔhaw no kwan afi ɔman no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 24:21
11 Iomraidhean Croise  

Na Pinehas sɔre gyina patae, na ɔsɔɔ owuyadeɛ no ano.


Na Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Fa ayuporebea yi ma me na mensi so afɔrebukyia memma AWURADE. Fa ma me sɛdeɛ ne boɔ teɛ, na wɔasi ɛhaw no kwan afiri ɔman no so.


Na Gad baa Dawid nkyɛn da no bɛka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ na kɔsi afɔrebukyia ma AWURADE Yebusini Arauna ayuporebea hɔ.


Na Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma AWURADE wo Nyankopɔn nka ɔman no sɛdeɛ wɔteɛ yi ho mprɛha, na me wura ɔhene ani nhunu, na adɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ wɔdi saa asɛm yi?


na ɔdii Israelni no akyi kɔɔ pia no mu, na ɔwowɔɔ wɔn baanu no, Israelni ne ɔbaa no nyinaa hwiree n’ayaase; na ɔhaw no to twa firii Israelfoɔ no so.


Na wɔduruu Atad ayuporebea a ɛwɔ Yordan agya nohoa no, wɔtwaa kwadwom kɛseɛ a emu yɛ den wɔ hɔ, na ɔgyam n’agya nnanson.


Na Arauna hwɛeɛ no, ɔhunuu ɔhene ne ne nkoa sɛ wɔresene aba ne nkyɛn. Na Arauna firii adi kɔbɔɔ ne mu ase ɔhene anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan