Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 15:3 - Twerɛ Kronkron

3 ɛnna Absalom bɛka akyerɛ no sɛ: Hwɛ, wo nsɛm yɛ na ɛtene, nanso obi nni hɔ a ɔhene ayi no a ɔbɛtie ama woɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na Absalom bɛka se, “Wʼasɛm yɛ dɛ de, nanso ɔhene nni obiara a obetie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 ɛnna Absalom bɛka akyerɛ no sɛ: Hwɛ, wo nsɛm yɛ na ɛtene, nanso obi nni hɔ a ɔhene ayi no a ɔbɛtie ama woɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na Absalom bɛka sɛ, “Wʼasɛm yɛ dɛ deɛ, nanso ɔhene nni obiara a ɔbɛtie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Absalom ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ wo nsɛm ye na ɛteɛ, nanso obi nni hɔ a ofi ɔhene fam a obetie ama wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 15:3
16 Iomraidhean Croise  

Absalom toa so ka sɛ: Na anka meyɛ asase yi so temmufoɔ, me nkyɛn na anka obiara a ɔwɔ asɛm bi anaa atemmudeɛ bi bɛba na mabu no atɛntenenee.


Na Dawid dii Israel nyinaa so hene; na Dawid de atɛntenenee ne tenenee dii asɛm maa ne manfoɔ nyinaa.


Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne akoma nta na wɔde kasa.


Di wo na ne w’agya ni, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.


Deɛ ɔdome n’agya anaa ne na no, kum na wɔnku no.


Onipa pa nya AWURADE anim anisɔ, na onipa busuyɛfoɔ deɛ, ɔbu no fɔ.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn agya, na wɔnhyira wɔn na.


Ani a ɛyi n’agya ahi, na ɛbu ɛna tie animtia no, asubɔnten ho anene bɛtutu, na akɔreɛ mma bɛdi.


Wo mu na wɔbɔ agya ne ɛna adapaa, wo mu na wɔdi ahɔhoɔ amim, wɔhom wo mu agyanka ne okunafoɔ soɔ.


na wɔbɔɔ Mose ne Aaron so dwa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ayɛ yie! Asafo mu yi nyinaa yɛ nnipa kronkron, obiara biara na AWURADE wɔ wɔn mu, na adɛn nti na moma mo ho so AWURADE badwa soɔ?


Na Onyankopɔn ahyɛ sɛ: Di w’agya ne wo na ni, na deɛ ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owuo na ma no nwuo.


Ɛnna Paulo kaa sɛ: Anuanom, mennim sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panin; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Nka wo man panin ho asɛm bɔne!


Monni nnipa nyinaa ni! Monnɔ anuanom! Monsuro Onyankopɔn! Monni ɔhene ni!


ne titire no, wɔn a wɔdi honam akyiri, efi ho akɔnnɔ mu, na wɔte tumidie atua. Wɔyɛ aniɛdenfoɔ, ahopɛfoɔ, wɔn ho mpopo sɛ wɔbɛka animuonyam ho nsɛmmɔne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan