Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 9:6 - Twerɛ Kronkron

6 Nanso ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Nyankopɔn nipa bi wɔ kuro yi mu, na ɔyɛ onipa a n’anim yɛ nyam, deɛ ɔka nyinaa ba mu. Ma yɛnkɔ hɔ, ebia ɔbɛka yɛn ɔkwan a yɛrekorɔ yi ho asɛm bi akyerɛ yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nanso ɔsomfo no buae se, “Manya adwene bi, Onyame nipa bi te kurow yi mu a wobu no yiye. Na asɛm biara a ɔbɛka nso ba mu. Ma yɛnkɔ ne hɔ mprempren ara, ebia obetumi akyerɛ yɛn faako a ɛsɛ sɛ yɛfa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Nanso ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Nyankopɔn nipa bi wɔ kuro yi mu, na ɔyɛ onipa a n’anim yɛ nyam, deɛ ɔka nyinaa ba mu. Ma yɛnkɔ hɔ, ebia ɔbɛka yɛn ɔkwan a yɛrekorɔ yi ho asɛm bi akyerɛ yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Nanso, ɔsomfoɔ no buaa sɛ, “Manya adwene bi, Onyame onipa bi te kuro yi mu a wɔbu no yie. Na asɛm biara a ɔbɛka nso ba mu. Ma yɛnkɔ ne hɔ seesei ara, ebia ɔbɛtumi akyerɛ yɛn baabi a ɛsɛ sɛ yɛfa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Onyankopɔn nipa bi wɔ kurow yi mu, ɔyɛ onipa a n’anim yɛ nyam, nea ɔka nyinaa ba mu; ma yɛnkɔ hɔ, ebia ɔbɛka yɛn ɔkwan a yɛrekɔ yi ho asɛm bi akyerɛ yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 9:6
16 Iomraidhean Croise  

Na yei ne nhyira a Nyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfoɔ ansa na ɔrewuo. Na ɔkaa sɛ:


Na hwɛ, Nyankopɔn nipa bi firi Yuda nam AWURADE asɛm so baa Betel, na Yeroboam gyina afɔrebukyia no ho rebɛhye aduhwam.


Na wo, Nyankopɔn nipa, deɛ, dwane yeinom, na di tenenee, onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, boasetɔ ne ɔdwoɔ akyiri.


na mommu wɔn papaapa ɔdɔ mu, wɔn adwuma nti. Montena asomdwoeɛ mu.


Mo ne Onyankopɔn ne adansefoɔ sɛdeɛ yɛyɛɛ yɛn ho kronkron ne tenenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo agyidifoɔ.


Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.


deɛ ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfoɔ agyinatusɛm ba mu; deɛ ɔka Yerusalem ho sɛ: Nnipa bɛtena mu! ne Yuda nkuro ho sɛ: Wɔbɛkyekyere, na mɛma n’akurofo so agyinagyina.


Na Nyankopɔn nipa no bisaa sɛ: Ɛhe na ɛtɔeɛ? Na ɔkyerɛɛ no hɔ. Na ɔtwaa dua bi too hɔ, na dadeɛ no bɛtɛɛ ani.


Na Nyankopɔn nipa bi baa Eli nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnyɛ me ho adi na meyi mekyerɛɛ w’agya fie berɛ a wɔwɔ Misraim, Farao fie no,


Na mebaa asubura no ho nnɛ kaa sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ wo ara worema me kwan a meretuo yi ayɛ dwoodwoo a,


Na abɔfra no buaa Saulo bio sɛ: Hwɛ, mekura dwetɛ dwetɛbena abupɛn nnan mu baako, na mede bɛma Nyankopɔn nipa no, na wakyerɛ yɛn yɛn kwan.


Na ɔhene ka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Sadok sɛ: Sɛ woahunu, sane kɔ kuro no mu dwoodwoo, na wo ba Ahimaas ne Abiatar ba Yonatan, mo mma baanu no ne mo ntena.


Na Nyankopɔn nipa Elisa tee sɛ Israel hene asunsuane ne ntadeɛ mu no, ɔsoma maa wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn sɛ: Adɛn nti na woasunsuane wo ntadeɛ mu? Ma no mmra me nkyɛn ɛ, na ɔnhunu sɛ odiyifoɔ bi wɔ Israel.


Onipa biara a ɔsuro AWURADE no, ɔbɛkyerɛ no kwan a ɔmfa soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan