Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 6:2 - Twerɛ Kronkron

2 Ɛnna Filistifoɔ frɛfrɛɛ asɔfoɔ ne akɔmfoɔ sɛ: Yɛnyɛ AWURADE adaka yi dɛn? Monkyerɛ yɛn adekodeɛ a yɛmfa nka ho nkɔ ne siberɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na Filistifo no frɛɛ wɔn asɔfo ne wɔn asamanfrɛfo bisaa wɔn se, “Dɛn na yɛnyɛ Awurade Apam Adaka yi? Monkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛmfa so nsan mfa nkɔ asase a efi so no so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Ɛnna Filistifoɔ frɛfrɛɛ asɔfoɔ ne akɔmfoɔ sɛ: Yɛnyɛ AWURADE adaka yi dɛn? Monkyerɛ yɛn adekodeɛ a yɛmfa nka ho nkɔ ne siberɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na Filistifoɔ no frɛɛ wɔn asɔfoɔ ne wɔn nsamanfrɛfoɔ bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ Awurade Apam Adaka yi? Monkyerɛ yɛn ɛkwan a yɛmfa so nsane mfa nkɔ asase a ɛfiri soɔ no so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ɛnna Filistifo frɛfrɛɛ asɔfo ne akɔmfo sɛ: Yɛnyɛ AWURADE adaka yi dɛn? Monkyerɛ yɛn dekode a yɛmfa nka ho nkɔ ne sibea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 6:2
10 Iomraidhean Croise  

Na anɔpa no ne ho dwanee no, na ɔsoma maa wɔkɔfrɛfrɛɛ Misraim atwerɛfoɔ nyinaa ne ɛhɔ anyansafoɔ nyinaa, na Farao kaa ne daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso obiara antumi ankyerɛ no aseɛ.


Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafoɔ ne ntafowayifoɔ bae. Na Misraim akɔmfoɔ no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara.


Na woagya wo man, Yakob fie, ɛfiri sɛ apueeɛ ntafowayifoɔ ayɛ wɔn amaama, ɛne nkɔmhyɛfoɔ sɛ Filistifoɔ, na wɔne ananafoɔ fa yɔnkoɔ.


na ɔhyiaa ɔman no mu asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ nyinaa bisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo no.


Na wɔsoma maa wɔkɔhyiahyiaa Filistifoɔ asafohene nyinaa baa wɔn nkyɛn kaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no? Na wɔse: Wɔnsoa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat. Na wɔsoaa Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ.


AWURADE adaka no dii Filistifoɔ asase so abosome nson.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan