Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 5:10 - Twerɛ Kronkron

10 Na wɔmaa wɔde Nyankopɔn adaka no kɔɔ Ekron. Na wɔde Nyankopɔn adaka no duruu Ekron no, Ekronfoɔ no teaa mu sɛ: Wɔde Israel Nyankopɔn adaka no aba yɛn nkyɛn de rebɛku yɛn ne yɛn man!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Enti wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Ekron kuropɔn mu, na wɔde rewura hɔ no, Ekronfo no suu se, “Wɔde Israel Nyankopɔn Apam Adaka no reba yɛn nkyɛn de abekunkum yɛn nso.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na wɔmaa wɔde Nyankopɔn adaka no kɔɔ Ekron. Na wɔde Nyankopɔn adaka no duruu Ekron no, Ekronfoɔ no teaa mu sɛ: Wɔde Israel Nyankopɔn adaka no aba yɛn nkyɛn de rebɛku yɛn ne yɛn man!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Enti, wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Ekron kuropɔn mu, na wɔde rewura hɔ no, Ekronfoɔ no suu sɛ, “Wɔde Israel Onyankopɔn Apam Adaka no reba yɛn nkyɛn de abɛkunkum yɛn nso.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na wɔma wɔde Onyankopɔn adaka no kɔɔ Ekron. Na wɔde Onyankopɔn adaka no duu Ekron no, Ekronfo no teɛɛm sɛ: Wɔde Israel Nyankopɔn adaka no aba yɛn nkyɛn de rebekunkum yɛn ne yɛn man!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 5:10
13 Iomraidhean Croise  

na mɛtwa emufoɔ afiri Asdod ne ahempomakurani afiri Askelon, na mɛdane me nsa atia Ekron, na Filistifoɔ nkaeɛ ayera, AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ.


Na Ahasia firii n’abansoro dan a ɛwɔ Samaria no mpomma mu te hwee fam, na ɔyaree; na ɔsomaa abɔfoɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔbisa Ekron nyame Baalsebub, sɛ mɛnya yadeɛ yi mu nkwa anaa?


Na Yuda kɔfaa Gasa ne ne hyeɛ ne Askelon ne ne hyeɛ ne Ekron ne ne hyeɛ.


Ekron ne ɛho nkuro ne nkuraa,


(Ɛde firi Sihor a ɛwɔ Misraim apueeɛ fam no ano de kɔsi Ekron hyeɛ so atifi fam no, wɔbu ma Kanaanfoɔ. Filistifoɔ ahemfo baanum no: Gasa deɛ ne Asdod deɛ, Askelon deɛ, Gat deɛ ne Ekron deɛ) ne Awifoɔ wɔ anafoɔ fam;


Na wɔsoa kɔeɛ no, AWURADE nsa baa kuro no so, ebumbɔ kɛseɛ pa ara, na ɔbobɔɔ kuro no mufoɔ nketewa ne akɛseɛ nyinaa na mpɔmpɔ sisii wɔn.


Na wɔsoma maa wɔkɔhyiahyiaa Filistifoɔ asafohene nyinaa boaa ano, na wɔkaa sɛ: Momma wɔmfa Israel Nyankopɔn adaka no nsane nkɔ ne siberɛ, na ankuku yɛn ne yɛn man. Na owuo anikrakra baa kuro no mu nyinaa, na Nyankopɔn nsa yɛɛ duru wɔ wɔn so wɔ hɔ.


Na medii w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mɛma woanya din kɛseɛ sɛ asase so nnipa akɛseɛ din.


na ɛhyeɛ no pue kɔ Ekron nkyɛn mu atifi fam na ɛhima kɔ Sikron, na ɛtwam kɔ Baala bepɔ no so, na ɛpue kɔ Yabneel; na ɛhyeɛ no kɔpem ɛpo no ano.


AWURADE adaka no dii Filistifoɔ asase so abosome nson.


Ɛnna Israel ne Yuda mmarima sɔre bɔɔ ose na wɔtii Filistifoɔ no kɔduruu Gai ne Ekron apono akyi. Na Filistifoɔ apirafoɔ no totɔɔ Saaraim kwan so de kɔduruu Gat ne Ekron.


ne Sabad, ne ba, ne Sutela, ne ba, ne Eser ne Elad. Na Gad mmarima a wɔwoo wɔn asase no soɔ no kumm wɔn, ɛfiri sɛ wɔsiane kɔɔ sɛ wɔrekɔfa wɔn mmoakuo akɔ.


Monsene nkɔ Kalne nkɔhwɛ, na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ, na monsiane nkɔ Filistifoɔ Gat. Wɔyɛ sene ahennie yi, anaasɛ wɔn hyeɛ mu trɛ sene mo hyeɛ anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan