Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 27:9 - Twerɛ Kronkron

9 Na Dawid bɔɔ asase no, na wannya ɔbarima anaa ɔbaa anikan, na ɔfaa nnwan ne anantwie ne mfunumu ne yoma ne ntadeɛ, na ɔsane baa Akis nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Dawid annyaw onipa baako anikann wɔ nkuraa a ɔkɔtow hyɛɛ wɔn so no mu. Ɔfaa nguan, anantwi, mfurum, yoma ne ntade nyinaa ansa na ɔresan akɔ Akis nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na Dawid bɔɔ asase no, na wannya ɔbarima anaa ɔbaa anikan, na ɔfaa nnwan ne anantwie ne mfunumu ne yoma ne ntadeɛ, na ɔsane baa Akis nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Dawid annya onipa baako anikann wɔ nkura a ɔkɔto hyɛɛ wɔn so no mu. Ɔfaa nnwan, anantwie, mfunumu, nyoma ne ntadeɛ nyinaa ansa na ɔsane akɔ Akis nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Dawid bɔɔ asase no, na wannyaw ɔbarima anaa ɔbea anikan, na ɔfaa nguan ne anantwi ne mfurum ne yoma ne ntade, na ɔsan baa Akis nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 27:9
9 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE bɔfoɔ hunuu no nsuo aniwa bi ho wɔ ɛserɛ so wɔ Sur kwan so nsuo aniwa no ho.


Na wɔtena firi Hawila kɔsii Sur a ɛwɔ Misraim ntentensoɔ de rekɔ Asiria no. Na ɔne ne nuanom antena no asomdwoeɛ mu.


Na ɔwɔ nnwan mpem nson ne yoma mpensa ne anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ ahanum ne asomfoɔ bebree pa; na ɔbarima yi yɛ titire wɔ apueeɛ mma no nyinaa mu.


Ɛnna Mose maa Israel tu firii Mmɛwa Po ho, na wɔfiri hɔ kɔɔ Sur serɛ so; na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa, na wɔnnya nsuo.


Na wɔde nkrantɛ ano sɛee deɛ ɛwɔ kuro no mu nyinaa pasapasa, mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mpanin, anantwie ne nnwan ne mfunumu.


Na afei kɔ na kɔkum Amalek, na monsɛe deɛ wɔwɔ nyinaa pasapasa, na nhu wɔn mmɔbɔ, na kum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, yoma ne mfunumu.


Na Saulo kunkumm Amalek firii Hawila de kɔsii baabi a w’ani kyerɛ Sur a ɛda Misraim apueeɛ fam no.


Na ɔkyeree Amalekhene Agag animono, na ɔman no nyinaa deɛ, ɔde nkrantɛ ano sɛee wɔn pasapasa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan