Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 26:6 - Twerɛ Kronkron

6 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Hetini Ahimelek ne Seruia ba Abisai, Yoab nua sɛ: Hwan na ɔne me bɛsiane akɔ Saulo nkyɛn wɔ nsra mu hɔ? Na Abisai sɛ: Mene wo bɛsiane akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Dawid bisaa Hetini Ahimelek ne Seruia babarima Abisai, Yoab nua se, “Hena na ɔne me bɛkɔ Saulo nkyɛn wɔ nʼatenae hɔ?” Abisai buae se, “Me ne wo bɛkɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Hetini Ahimelek ne Seruia ba Abisai, Yoab nua sɛ: Hwan na ɔne me bɛsiane akɔ Saulo nkyɛn wɔ nsra mu hɔ? Na Abisai sɛ: Mene wo bɛsiane akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Dawid bisaa Hetini Ahimelek ne Seruia babarima Abisai, Yoab nua sɛ, “Hwan na ɔde ne ho bɛbɔ afɔdeɛ ɔne me bɛkɔ Saulo nkyɛn atenaeɛ no mu hɔ?” Abisai buaa sɛ, “Me ne wo bɛkɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Hetini Ahimelek ne Suruia ba Abisai, Yoab ne nua sɛ: Hena na ɔne me besian akɔ Saul nkyɛn wɔ nsram hɔ? Na Abisai se: Me ne wo besian akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 26:6
22 Iomraidhean Croise  

Kanaan woo n’abakan Sidon, ne Het,


Hetifoɔ, Perisifoɔ, Refaimfoɔ,


Na Abraham sɔre firii n’amu no anim, na ɔne Het mma kɔkasaa sɛ:


Na Esau dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Hetini Beeri babaa Yudit ne Hetini Elon babaa Basmat.


Hwan na ɔkum Yerubeset ba Abimelek? Ɛnyɛ ɔbaa bi na ɔtoo ayuyammoɔ ba firi ɔfasuo so bɔɔ no maa no tɔeɛ Tebes no? Adɛn nti na mobɛn ɔfasuo no saa? Ɛnneɛ ka sɛ: W’akoa Uria, Hetini no nso atɔ.


Na agyantofoɔ no firi ɔfasuo no so toto guu wo nkoa so, na ɔhene nkoa no bi totɔe, na w’akoa Uria, Hetini no nso atɔ.


Na Dawid soma maa wɔkɔɔ Yoab nkyɛn sɛ: Ma Hetini Uria mmra me nkyɛn. Na Yoab somaa Uria baa Dawid nkyɛn.


Adɛn nti na woabu AWURADE asɛm animtia ayɛ n’anim bɔne yi? Wode nkrantɛ akum Hetini Uria, na woafa ne yere ayɛ wo yere, na wode Amonfoɔ nkrantɛ adi no awu.


Na ɔhene hyɛɛ Yoab ne Abisai ne Itai sɛ: Mo ne aberanteɛ Absalom no nni no brɛɛ mma me! Na ɔhene rehyɛ asafohene nyinaa Absalom ho no, ɔman no nyinaa teeɛ.


Na Seruia ba Yoab ne Dawid nkoa tu kɔe, na wɔhyia boaboaa wɔn ano wɔ Gibeon tadeɛ ho, yeinom boa ɔtadeɛ no fa ha, na yeinom boa ɔtadeɛ no fa ha.


Na Seruia mma baasa, Yoab, Abisai ne Asahel wɔ hɔ. Na Asahel nan ase yɛ hare sɛ wiram ɔtwe.


Na Yoab nua Seruia ba Abisai nso di baasa no mu titire. Ɔno na ɔtwee ne pea kumm nnipa ahasa, na ɔgyee din sɛ baasa no.


Maakati ba Ahasbai ba Elifelet, Giloni Ahitofel ba Eliam,


Hetini Uria. Wɔn nyinaa yɛ aduasa nson.


Na wɔde teaseɛnam firi Misraim ba, bɛgye dwetɛ nnwetɛbena ahansia, ne ɔpɔnkɔ nso, ɔha aduonum; na saa ara na adwadifoɔ de bi brɛ Hetifoɔ ahemfo nyinaa ne Siria ahemfo.


Na AWURADE ama Siriafoɔ dɔm ate nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne dɔm kɛseɛ nka, na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwɛ, Israel hene akɔgye Hetifoɔ ahemfo ne Misraim ahemfo adɔm atia yɛn sɛ wɔmmra yɛn so.


Ɛnna Yosua kaa sɛ: Yei na mode bɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no wɔ mo mu, na pamo na ɔbɛpamo Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ ne Hewifoɔ ne Perisifoɔ ne Girgasifoɔ ne Amorifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri mo anim.


Na Dawid ne Abisai kɔɔ ɛdɔm no nkyɛn anadwo, na hwɛ Saulo da hɔ ada, nteaseɛnam aboaeɛ hɔ, na ne pea si fam wɔ n’atifi. Na Abner ne dɔm no deda ne ho hyia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan