1 Samuel 13:6 - Twerɛ Kronkron6 Na Israel mmarima no hunuu sɛ ɛredene wɔn, (ɛfiri sɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometeɛ), na ɔman no huntahuntaa abodan ne amena ne abotan ne aboda ne mmura mu. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm6 Bere a Israel mmarima no huu atamfo no nsraadɔm mpempem no, wɔn ho dwudwoe; nti wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ akohintaw wɔn ho wɔ abodan, mmoa, abotan, aboda ne nsukorae mu. Faic an caibideilNew Revised Asante Twi Bible6 Na Israel mmarima no hunuu sɛ ɛredene wɔn, (ɛfiri sɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometeɛ), na ɔman no huntahuntaa abodan ne amena ne abotan ne aboda ne mmura mu. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm6 Ɛberɛ a Israel mmarima no hunuu atamfoɔ no akodɔm mpempem no, wɔn ho dwodwoeɛ enti, wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ akɔsuma wɔn ho wɔ abodan, mmena, abotan, aboda ne nsukoraeɛ mu. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON6 Na Israel mmarima no hui sɛ ɛreden wɔn, efisɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometew: Na ɔman no hintahintaw abodan ne mmena ne abotan ne aboda ne mmura mu. Faic an caibideil |