Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 13:2 - Twerɛ Kronkron

2 ɔyii Israel mu nnipa mpensa fae. Na wɔn mu mpennu wɔ Saulo nkyɛn, Mikmas ne Betel bepɔ so, na apem wɔ Yonatan nkyɛn Gibea-benyamin; na ɔman a aka no, ɔgyaa wɔn kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Saulo yii asraafo sononko bi a wɔn dodow yɛ mpensa fii Israel, na ɔmaa nkae no kɔɔ fie. Ɔfaa asraafo no mu mpenu kaa ne ho, de wɔn kɔɔ Mikmas ne bepɔw nsase a ɛwɔ Bet-El no so. Asraafo apem a wɔaka no kaa Saulo babarima Yonatan ho kɔɔ Gibea wɔ Benyamin asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 ɔyii Israel mu nnipa mpensa fae. Na wɔn mu mpennu wɔ Saulo nkyɛn, Mikmas ne Betel bepɔ so, na apem wɔ Yonatan nkyɛn Gibea-benyamin; na ɔman a aka no, ɔgyaa wɔn kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Saulo yii akodɔm sononko bi a wɔn dodoɔ yɛ mpensa firii Israel, na ɔmaa nkaeɛ no kɔɔ efie. Ɔfaa akodɔm no mu mpenu kaa ne ho, de wɔn kɔɔ Mikmas ne bepɔ nsase a ɛwɔ Bet-El no so. Akodɔm apem a aka no kaa Saulo babarima Yonatan ho kɔɔ Gibea wɔ Benyamin asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 ɔpaw Israel mu nnipa mpensa fae. Na wɔn mu mpennu wɔ Saul nkyɛn, Mikmas ne Betel bepɔw so, na apem wɔ Yonatan nkyɛn Gibea a ɛwɔ Benyamin; na ɔman a aka no, ogyaa wɔn kwan ma wɔkokɔɔ wɔn ntamadan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 13:2
24 Iomraidhean Croise  

Na ɔbarima huhuni bi wɔ hɔ a ne din de Seba a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Na ɔhyɛnee totorobɛnto sɛ: Yɛnni kyɛfa biara wɔ Dawid mu, na yɛnni agyapadeɛ Yisai ba no nkyɛn. Israel, monkɔ mo adan mu.


ma wɔmfa ne mma mu mmarima nson mma yɛn, na yɛnsensɛne wɔn mma AWURADE wɔ Saulo a AWURADE faa no no kuro Gibeon mu. Na ɔhene kaa sɛ: Mɛma.


Netofani Baana ba Heleb, Ribai ba Itai a ɔfiri Benyamin mma Gibea.


Mikmas mmarima: Ɔha aduonu mmienu.


Na Benyamin mma a wɔfiri Geba no tenaa Mikmas ne Aia ne Betel ne ɛho nkurowa mu,


ne Sela, Ha-elef ne Yebus a ɛne Yerusalem, Gibeat, Kiriat: Nkuro dunan ne ɛho nkuraa. Yei ne Benyaminfoɔ no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.


Na Yosua hyiraa wɔn, na ɔgyaa wɔn kwan, na wɔsii mu kɔɔ wɔn ntomadan mu.


Na ne wura ka kyerɛɛ no sɛ: Mma yɛmmmane nnkɔ ananafoɔ a Israelfoɔ mu bi nni ha kuro mu, na yɛntwam nkɔ Gibea.


Na Saulo nso kɔɔ ne fie Gibea, na ɛdɔm no mu akokoɔdurufoɔ binom a Onyankopɔn aka wɔn akoma no ne no kɔe.


Ɛno akyiri no, wobɛduru Gibea-elohim, wɔ deɛ Filistifoɔ bansifoɔ wɔ no; na ɛbɛba sɛ woduru kuro no mu hɔ a, wobɛhyia adiyifoɔ asafo a wɔresiane afiri sorɔnsorɔnbea hɔ, na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne asankuo di wɔn anim; na wɔrehyɛ nkɔm.


Saulo bɛdii hene na wadi bɛboro mfirinhyia aduasa. Na ɔdii Israel so hene mfeɛ mmienu no,


Ɛnna Samuel kaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Na Saulo se: Mehunuu sɛ ɔman no refiri me ho ahwete, na wo nso woamma berɛ a wohyɛeɛ no, na Filistifoɔ aboa wɔn ano Mikmas,


Na Samuel sɔre firii Gilgal kɔɔ Gibea-benyamin. Na Saulo kan ɛdɔm a wɔne no wɔ hɔ no, mmarima bɛyɛ ahansia.


Na Saulo ne ne ba Yonatan ne ɛdɔm a wɔne wɔn wɔ hɔ no tenaa Gibea-benyamin, nso na Filistifoɔ akyere nsraban wɔ Mikmas.


Na Filistifoɔ bansifoɔ no firii adi kɔɔ Mikmas afaeɛ.


Na Filistifoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam mpem aduasa ne apɔnkɔfoɔ mpemnsia ne dɔm a ne dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo ba bɛkyeree nsraban Mikmas, Bet-awen apueeɛ.


Na wɔkum Filistifoɔ no da no firi Mikmas kɔduruu Ayalon; na ɛdɔm no tɔɔ piti sɛ.


baako ano kyerɛ atifi fam Mikmas ntentensoɔ, na baako ano kyerɛ anafoɔ fam Geba ntentensoɔ.


Na ɛko denden daa Filistifoɔ so Saulo nna nyinaa. Na sɛ Saulo hunu ɔbarima hoɔdenfoɔ biara anaa obiara a ɔyɛ nnam a, ɔkɔfa no ba ne nkyɛn.


Ɛnna Samuel sii mu kɔɔ Rama. Na Saulo nso foro kɔɔ ne fie Gibea-saulo.


Na ɔduruu nnwammuo a ɛwɔ ɛkwan no soɔ no ho; na ɔbodan bi wɔ hɔ, na Saulo hyɛnee mu sɛ ɔrekɔgya ne nan. Na Dawid ne ne nnipa nso tete ɔbodan no mu nohoa.


Ɛnna Saulo sɔre siane kɔɔ Sif serɛ soɔ, ɔne Israel mmarima mpensa a wɔayi wɔn, sɛ ɔrekɔhwehwɛ Dawid Sif serɛ so.


Na ɔkaa sɛ: Yei ne ɔhene a ɔbɛdi mo soɔ no atemmudeɛ: Ɔbɛfa mo mmammarima de wɔn akɔ ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ mu, na wama wɔatu mmirika adi ne nteaseɛnam anim sɛ awɛmfoɔ,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan