Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 10:6 - Twerɛ Kronkron

6 Na AWURADE honhom bɛsi wo so, na wo ne wɔn ahyɛ nkɔm, na woadane ayɛ onipa foforɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Saa bere no, Onyankopɔn Honhom bɛba wo so wɔ tumi mu, na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm. Wobɛsakra ayɛ onipa foforo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na AWURADE honhom bɛsi wo so, na wo ne wɔn ahyɛ nkɔm, na woadane ayɛ onipa foforɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Saa ɛberɛ no, Awurade Honhom bɛba wo so wɔ tumi mu, na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm. Wobɛsakyera ayɛ onipa foforɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na AWURADE honhom besi wo so, na wo ne wɔn ahyɛ nkɔm, na woadan ayɛ onipa foforo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 10:6
14 Iomraidhean Croise  

Na mɛsiane na me ne wo abɛkasa, na mede honhom a ɛwɔ wo soɔ no bi magu wɔn so na wɔne wo asɔ ɔman no adesoa no mu, na wo nko woankura.


Na AWURADE sianee mununkum no mu na ɔkasa kyerɛɛ no, na ɔde ne honhom a ɛwɔ ne soɔ no bi guu mpanimfoɔ aduɔson no so; na honhom no sisii wɔn soɔ no, wɔkaa adiyisɛm berɛ tiaa bi mu, nanso akyire yi no wɔansane anyɛ bio.


Na mmarima baanu kaa nsraban no mu, ɔbaako din de Eldad na ɔbaako no de Medad; na honhom no baa wɔn so, na wɔfra nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din no mu, nanso na wɔmfirii adi nkɔɔ ntomadan no ho; enti wɔkaa adiyisɛm nsraban no mu.


Na Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Woretwe me ho ninkunu? Ɛkaa me nko a, anka AWURADE man nyinaa adanedane adiyifoɔ, na AWURADE de ne honhom agu wɔn so.


Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumideɛ pii anaa?


Na AWURADE honhom sii ne so, na ɔtetee ne mu, sɛdeɛ wɔtete abirekyie ba mu, nanso na hwee nkuta ne nsam. Na wanka deɛ ɔyɛeɛ no ankyerɛ n’agya ne ne na.


Ɔreyɛ aduru Lehi no, Filistifoɔ no bɔɔ ne so ose. Na AWURADE honhom sii ne so, na ntampehoma a ɛwɔ ne basa ho no yɛɛ sɛ asaawa a wɔde ogya aka na ne homa no sanesane firii ne nsa.


Na AWURADE honhom baa ne so, na ɔbuu Israel atɛn na ɔfirii adi tuu sa, na AWURADE de Mesopotamia hene Kusan-risataim hyɛɛ ne nsa, na ne nsa yɛɛ Kusan-risataim so den.


Na wɔduruu kokoɔ no so hɔ no, hwɛ, adiyifoɔ asafo bɛhyiaa no, na Nyankopɔn honhom bɛsii ne so, na ɔhyɛɛ nkɔm wɔ wɔn mu.


Na ɔdanee ne ho sɛ ɔrefiri Samuel nkyɛn akorɔ no, Onyankopɔn maa no akoma foforɔ; na nsɛnkyerɛnneɛ yi nyinaa baa mu da no ara.


Na Saulo tee nsɛm yi no, AWURADE honhom sii ne so, na ne bo fuu kɛse.


Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so, ɛfiri da no ara de rekorɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama.


Na Saulo somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa Dawid; na wɔhunuu adiyifoɔ asafo no sɛ wɔrehyɛ nkɔm na Samuel gyina hɔ rehwɛ wɔn soɔ no, Nyankopɔn honhom baa Saulo abɔfoɔ no so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan