Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 9:4 - Twerɛ Kronkron

4 Nam a ne mogya da so wɔ ne mu nko na monnnie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Nanso ɛnsɛ sɛ mowe aboa a wontwaa ne mene mmaa ne mogya no ngui no nam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Nam a ne mogya da so wɔ ne mu nko na monnnie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Nanso, ɛnsɛ sɛ mowe aboa a wɔntwaa ne mene mmaa ne mogya no nguiɛ no ɛnam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Nam a ne mogya wɔ ne mu nko na munnni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 9:4
15 Iomraidhean Croise  

Enti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Modi aboa a wɔantwa ne tiri nam, na momma mo ani so kyerɛ mo abosonhuhuo, na moka mogya gu, na mobɛfa asase no adi so anaa?


Mommfa mogya nnka biribi ho nnni. Monnni adebisasɛm na monngoro abayigorɔ.


Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu ne mo tenabea nyinaa sɛ: Monnni sradeɛ anaa mogya biara.


Na mogya biara nso, anomaa deɛ oo, atɔteboa deɛ oo, monnni wɔ mo tenabea biara mu.


na wɔntwerɛ nkɔma wɔn sɛ: Wɔnyi wɔn ho mfiri abosom afideɛ ne adwamammɔ ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne mogya ho.


yɛde nokorɔ hyiaeɛ no, ɛyɛɛ yɛn sɛ ɛyɛ sɛ yɛyi nnipa bi soma wɔn ka yɛn adɔfo Barnaba ne Paulo,


sɛ monyi mo ho mfiri nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne adwamammɔ mu; ɛno na sɛ moyi mo ho firi ho a, ɛyɛ. Ɛnsi mo yie!


mogya no nko na monnnie, monhwie ngu fam sɛ nsuo.


Hwɛ yie mmom na hwɛ na woanni mogya, ɛfiri sɛ mogya ne ɔkra, na nni ɔkra nka nam no ho;


Monnni aboa funu; fa ma ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo kuro apono mu ma no nni anaasɛ tɔn ma ɔnanani, ɛfiri sɛ woyɛ ɔman kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu.


ne mogya nko na nnie, hwie gu fam sɛ nsuo.


Na Nyankopɔn abɔdeɛ nyinaa yɛ, na sɛ yɛde aseda gye a, ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ yɛkyiri biribiara;


Na ɛdɔm no to kɔhyɛɛ asadeɛ no so, na wɔfaa nnwan ne anantwie ne anantwie mma kunkumm wɔn ɛfam, na ɛdɔm no dii no mogya mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan