Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 7:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Noa sɛ: Wo ne wo fiefoɔ nyinaa, monkɔ adaka no mu, ɛfiri sɛ wo na mahu wo sɛ ɔteneneeni m’anim, ɛberɛ yi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Noa se, “Wo ne wo fifo nyinaa nkɔ Adaka no mu, efisɛ asase so nnipa nyinaa mu no, wo na mahu sɛ woyɛ ɔtreneeni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Noa sɛ: Wo ne wo fiefoɔ nyinaa, monkɔ adaka no mu, ɛfiri sɛ wo na mahu wo sɛ ɔteneneeni m’anim, ɛberɛ yi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Noa sɛ, “Wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkɔ Adaka no mu, ɛfiri sɛ, asase so nnipa nyinaa no, wo na mahunu sɛ woyɛ ɔteneneeni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Noa sɛ: Wo ne wo fi nyinaa, monkɔ adaka no mu, efisɛ wo na mahu wo ɔtreneeni m'anim bere yi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 7:1
26 Iomraidhean Croise  

Na me ne wo bɛyɛ apam ato hɔ, na woakɔ adaka no mu, wo ne wo mma, ne wo yere, ne wo mma yerenom.


Yei ne Noa ho asɛm: Na Noa yɛ onipa tenenee a ɔyɛ pɛ wɔ ne berɛ so nnipa mu. Noa ne Onyankopɔn nanteeɛ.


Saa da yi ara (a nsuyire yi hyɛɛ aseɛ no) mu na Noa ne ne yere, ne ne mma, Sem, Ham ne Yafet, ne ne mma yerenom baasa akɔhyɛ adaka no mu.


Nsuo a na ɛrebɛyire no nti, Noa ne ne mma, ne ne yere, ne ne mma yerenom kɔɔ adaka no mu.


Na manni fɔ wɔ n’anim, na mahwɛ me ho so afiri m’amumuyɛ ho.


Deɛ ɔnam pɛyɛ mu no nam dwoodwoo, na deɛ ɔkyea n’akwan no, wɔbɛhu no.


AWURADE suro mu wɔ ahodasoɔ a emu yɛ den, na ɔbɛyɛ dwanekɔbea ama ne mma.


Aban denden ne AWURADE din, ɛno mu na ɔteneneeni dwane korɔ, na wɔkora no.


na sɛ mmarima baasa yi, Noa, Daniel ne Hiob wɔ hɔ a, wɔn deɛ, wɔn tenenee ho na wɔbɛgye wɔn kra, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Monhwehwɛ AWURADE, asase sofoɔ a mobrɛ mo ho aseɛ nyinaa a moyɛ n’atemmudeɛ! Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ. Ebia wɔbɛkora mo, AWURADE abufuo da no.


Na wɔn baanu nyinaa tene wɔ Nyankopɔn anim di Awurade ahyɛdeɛ ne teneneedeɛ nyinaa so a ɛho nni asɛm,


Na sɛdeɛ ɛyɛɛ Noa nna no mu no, saa ara nso na ɛbɛyɛ Onipa Ba no nna mu.


Na bɔhyɛ no yɛ mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, a Awurade yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba nyinaa dea.


Gyidie na deɛ wɔnnya nhunuu ɛho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fie nkwagyeɛ, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidie ho tenenee ɔdedifoɔ.


a tete no wɔyɛ asoɔdenfoɔ, ɛberɛ a Nyankopɔn abodwokyɛre twɛneeɛ, Noa nna a wɔreyɛ adaka no mu. Emu na akra kakraa bi a wɔn ano si baawɔtwe nyaa nkwa nsuo no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan