Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 5:4 - Twerɛ Kronkron

4 Na Adam woo Set no akyiri no, ɔdii mfirinhyia ahanwɔtwe, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfe ahanwɔtwe a ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Adam woo Set no akyiri no, ɔdii mfirinhyia ahanwɔtwe, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe a, ɔwowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Adam woo Set no akyi no odii mfirihyia ahanwɔtwe, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 5:4
17 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monya so tumi; na monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa so.


Na Arfaksad dii mfirinhyia aduasa nnum na ɔwoo Sela.


Na Enos woo Kenan no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanwɔtwe ne dunum, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.


Na Kenan woo Ma-halalel no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanwɔtwe aduanan, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.


Na Yared woo Henok akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanwɔtwe, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.


Na Henok woo Metusela no akyiri no, ɔne Onyankopɔn nantee mfirinhyia ahasa, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.


Na Metusela woo Lamek no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanson aduɔwɔtwe mmienu, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.


Na Adam dii mfirinhyia ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima wɔ ne nsɛsoɔ ne ne suban so, na ɔtoo no din Set.


Na Lamek woo Noa no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanum aduɔkron nnum, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.


Na Adam nna a ɔdiiɛ ansa na ɔrewuo nyinaa yɛ mfeɛ ahankron aduasa.


Na Set woo Enos no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanwɔtwe ne nson, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.


Na Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mma, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo na monnɔɔso, na monhyɛ asase so ma.


Na mo deɛ, monwo na monnɔ, na monnɔɔso wɔ asase so.


Hwɛ, AWURADE agyapadeɛ ne mma, na yafunu mu aba yɛ akatua.


Na yɛn mmabanin ayɛ sɛ tɛ nnua a anyini yie, wɔn mmeranteberɛ mu, na yɛn mmammaa ayɛ sɛ twea so adum a wɔasene no sɛ ahemfie deɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan