Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 5:3 - Twerɛ Kronkron

3 Na Adam dii mfirinhyia ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima wɔ ne nsɛsoɔ ne ne suban so, na ɔtoo no din Set.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Adam dii mfe ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima sɛ ɔno ara ne bɔbea ne ne sɛso. Ɔtoo ne din Set.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Adam dii mfirinhyia ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima wɔ ne nsɛsoɔ ne ne suban so, na ɔtoo no din Set.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Adam dii mfeɛ ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima sɛ ɔno ara ne bɔbea ne ne sɛso. Ɔtoo no edin Set.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Adam dii mfirihyia ɔha aduasa na ɔwoo babarima wɔ ne sɛso so sɛ ne suban so, na ɔtoo no din Set.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 5:3
15 Iomraidhean Croise  

Na Adam ne ne yere daeɛ bio, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Set (aseɛ ne: Nsiananmu) sɛ: Onyankopɔn de ɔba foforɔ asi me Habel a Kain kumm no no ananmu.


Na ɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbaa, na ɔhyiraa wɔn. Na ɔtoo wɔn din onipa.


Na Adam woo Set no akyiri no, ɔdii mfirinhyia ahanwɔtwe, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.


Hwan na ɔbɛnya ɔhoteni, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.


Ɔdasani bɛtene Nyankopɔn anim sɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no no ho bɛteɛ?


Hwɛ, wɔwoo me amumuyɛ mu, na bɔne mu na me na nyinsɛnee me.


Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Deɛ Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no Nyankopɔn ba.


Kainan ba, Arfaksad ba, Sem ba, Noa ba, Lamek ba,


Deɛ wɔfiri ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam; na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no yɛ honhom.


Yei nti, sɛdeɛ ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owuo nam bɔne so baeɛ no, saa ara na ɛyɛeɛ na owuo trɛ kaa nnipa nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.


Ɛnam nyinaa nyɛ pɛ; ɛsono nnipa nam, ɛsono ntɔteboa nam, ɛsono nnomaa nam, na ɛsono mpataa deɛ.


Na sɛdeɛ yɛhyɛɛ famni no suban no, sɛ nso yɛbɛhyɛ ɔsoroni no suban ne no.


Wɔn mu na anka akane no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ deɛ honam ne adwene pɛ, na sɛdeɛ yɛn awosuo teɛ no yɛyɛ nnipa a Onyankopɔn abufuo wɔ yɛn so, te sɛ wɔn a aka no nso.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan