Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 4:12 - Twerɛ Kronkron

12 Sɛ wodɔ asase a, ɛrenkɔ so mma wo ne nnɔbaeɛ bio na wobɛyɛ ɔkobɔni ne asesabɔni wɔ asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Sɛ woyɛ asase no so adwuma sɛ dɛn ara a, worennya nnɔbae biara mfi so. Wobɛyɛ ɔkobɔfo, akyinkyin asase so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Sɛ wodɔ asase a, ɛrenkɔ so mma wo ne nnɔbaeɛ bio na wobɛyɛ ɔkobɔni ne asesabɔni wɔ asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Sɛ woyɛ asase no so adwuma sɛ ɛdeɛn ara a, worennya nnɔbaeɛ biara mfiri so. Wobɛyɛ ɔkobɔfoɔ, akyinkyin asase so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Sɛ wodɔw asase a, ɛrenkɔ so mma wo ne nnɔbae bio, wobɛbɔ asesa na waye ɔkobɔfo wɔ asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 4:12
16 Iomraidhean Croise  

Na Kain ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Me bɔne so adeɛ so kyɛne sɛ mɛtumi asoa.


Hwɛ, woapamo me nnɛ afiri asase yi so, na mɛhunta mafiri w’anim, na mayɛ ɔkobɔni ne asesabɔni wɔ asase so, na obiara a ɔbɛhu me no, ɔbɛku me.


Asase a ɛma aduane danee asase kɛsɛɛ, wɔn a wɔte soɔ no bɔneyɛ nti.


na ne mma nkyinkyini nsrɛsrɛ adeɛ, na wɔmfiri wɔn amamfo so nkɔhwehwɛ aduane.


Onipa a obi mogya ho so da ne soɔ no, ɔbɛdwane akɔduru amena mu, mma wɔnnsianka no.


Me Nyankopɔn apo wɔn, ɛfiri sɛ wɔantie no; na wɔbɛyɛ abatafoɔ amanaman mu.


Mfuo asɛe, asase di abooboo, na aduane asɛe, nsamono awe, ngo so ate.


Na mɛma m’ani asa mo, na moadi mo atamfoɔ anim nkoguo na wɔn a wɔkyiri mo ahyɛ mo so, na obi mpamo mo po a, moadwane.


na mo tumi asa kwa, na mo asase remma ne nnɔbaeɛ, na asase no so nnua renso aba.


Na mo mu wɔn a wɔbɛka no, mɛma ehu aba wɔn akoma mu wɔ wɔn atamfoɔ nsase no so, na ahahan a ɛteɛ huuyɛ aka wɔn agu na wɔadwane sɛdeɛ obi dwane firi nkrantɛ ano na wɔatotɔ, berɛ a obi mpamo wɔn;


Na wɔde abɔdeɛ no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ ɛno ara na ɛpɛ, na mmom deɛ ɔde hyɛɛ aseɛ no ntira, anidasoɔ mu,


Nanso ɛbɛba sɛ, sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi ayɛ a, nnome yi nyinaa bɛba wo so abɛmene wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan