Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 30:16 - Twerɛ Kronkron

16 Na anwummerɛ a Yakob firi wiram reba no, Lea firii adi kɔhyiaa no kaa sɛ: Bra me nkyɛn, ɛfiri sɛ ampa ara mede me ba dudaim matɔ wo. Na ɔne no daa anadwo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Enti da no anwummere a Yakob fi afum reba no, Lea kohyiaa no, ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wobɛda me nkyɛn anadwo yi, efisɛ mede me ba dudaim atɔ wo.” Enti Yakob kɔdaa Lea nkyɛn anadwo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Na anwummerɛ a Yakob firi wiram reba no, Lea firii adi kɔhyiaa no kaa sɛ: Bra me nkyɛn, ɛfiri sɛ ampa ara mede me ba dudaim matɔ wo. Na ɔne no daa anadwo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Enti, ɛda no anwummerɛ a Yakob firi afuom reba no, Lea kɔhyiaa no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wobɛda me nkyɛn ɛnnɛ anadwo yi, ɛfiri sɛ, mede me ba dudaim atɔ wo.” Enti, Yakob kɔdaa Lea nkyɛn anadwo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na anwummere a Yakob fi wuram reba no, Lea fii adi kohyiaa no kae sɛ: Bra me nkyɛn, efisɛ ɔtɔ na mede me ba dudaim matɔ wo. Na ɔne no dae anadwo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 30:16
3 Iomraidhean Croise  

Na ayuo twaberɛ mu no, Ruben firii adi kɔhunuu dudaim wɔ wiram, na ɔde brɛɛ ne na Lea. Na Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ: Ma me wo ba dudaim yi bi ɛ!


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnnɔɔso sɛ woafa me kunu? Na worebɛgye me ba dudaim nso anaa? Na Rahel se: Wo ba dudaim no nti ma ɔne wo nkɔda anadwo yi.


Na Onyankopɔn tiee Lea, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima a ɔtɔ so nnum maa Yakob.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan