Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 26:5 - Twerɛ Kronkron

5 ɛfiri sɛ Abraham tiee me nne, na ɔdii me nsiesieeɛ, me mmara nsɛm, m’ahyɛdeɛ ne me mmara so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Efisɛ Abraham tiee me nne, dii me nsɛm, mʼahyɛde ne me mmara nyinaa so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 ɛfiri sɛ Abraham tiee me nne, na ɔdii me nsiesieeɛ, me mmara nsɛm, m’ahyɛdeɛ ne me mmara so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛfiri sɛ, Abraham tiee me nne, dii me nsɛm, mʼahyɛdeɛ ne me mmara nyinaa so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 efisɛ Abraham tiee me nne, na odii me nsiesiei, me mmara nsɛm, m'ahyɛde, ne me mmara so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 26:5
14 Iomraidhean Croise  

Na Abram kɔe sɛdeɛ AWURADE kasa kyerɛɛ no no, na Lot ne no kɔe. Na Abram firii Haran no, na wadi mfeɛ aduɔson nnum.


Na Abraham faa ne ba Ismael ne wɔn a wɔawo wɔn wɔ ne fie ne wɔn a ɔde ne sika tɔɔ wɔn nyinaa, Abraham fiefoɔ mu mmarima nyinaa, na ɔtwitwaa wɔn twetia da no ara, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no.


Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fiefoɔ a ɛbɛdi n’akyire sɛ wɔnni AWURADE kwan so nyɛ tenenee ne atɛntenenee adeɛ, na AWURADE ama deɛ waka no Abraham ho no aba ne so.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woayɛ saa asɛm yi, na woankame me wo ba korɔ no nti, maka me ho ntam sɛ:


Na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa, ɛfiri sɛ woatie me nne.


Enti obiara a ɔbɛto mmara mu nsɛm nketewa yi mu baako, na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa wɔ ɔsoro ahennie mu; na obiara a ɔbɛdi soɔ, na ɔbɛkyerɛkyerɛ no, ɔno na wɔbɛfrɛ no kɛseɛ ɔsoro ahennie mu.


Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no bɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban wɔ botan soɔ no ho.


Enti, me nuanom, adɔfo, montintim, monnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo brɛ nyɛ kwa, Awurade mu.


Ɛfiri sɛ Kristo Yesu mu deɛ, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidie a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.


Gyidie na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde setie firi kɔɔ baabi a daakye ɔbɛnya hɔ sɛ agyapadeɛ, na ɔfirii adi a na ɔnnim deɛ ɔrekorɔ.


Ɛnyɛ nnwuma mu na wɔfiri buu yɛn agya Abraham bem sɛ ɔde ne ba Isak kɔɔ afɔrebukyia soɔ no?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan