Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 20:3 - Twerɛ Kronkron

3 Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo daeɛ mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbaa a woakɔfa no no nti, woawu awie, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔbarima bi yere.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso Onyankopɔn soo Abimelek dae, ka kyerɛɛ no se, “Wosɛ owu, efisɛ ɔbea a woakɔfa no no yɛ obi yere.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo daeɛ mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbaa a woakɔfa no no nti, woawu awie, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔbarima bi yere.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wosɛ owuo, ɛfiri sɛ, ɔbaa a woakɔfa no no yɛ obi yere.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo dae mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbea a woakɔfa no no nti woawu awie, efisɛ ɔyɛ ɔbarima bi yere.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 20:3
22 Iomraidhean Croise  

Na Abram yere Sarai ho asɛm no nti AWURADE de ɔhaw akɛseɛ haa Farao ne ne fie.


Na Farao frɛɛ Abram kaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔyɛ wo yerɛ?


Na afei dane ɔbarima no yere kɔma no, ɛfiri sɛ ɔyɛ odiyifoɔ, na wapa kyɛw ama wo, na woanya nkwa; na sɛ woannane no ankɔma no a, ɛnneɛ, hunu sɛ wuo na wobɛwuo, wo ne deɛ ɛwɔ woɔ nyinaa.


Na ɔsoo daeɛ, na hwɛ, na atwedeɛ bi si fam a atifi pem soro, na hwɛ, Nyankopɔn abɔfoɔ redi so aforosiane.


Na Onyankopɔn baa Aramni Laban nkyɛn anadwo daeɛ mu sɛ: Hwɛ yie, na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob.


Na Yosef soo daeɛ, na berɛ a ɔka kyerɛɛ ne nuanom no, wɔtanee no senee akane no.


Na ɔsoo daeɛ foforɔ bio, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Hwɛ, maso daeɛ bio, na hwɛ, owia ne ɔsrane ne nsoromma dubaako akoto me.


Na Misraimhene nsahyɛni ne ne paanootoni a na wɔgu afiase hɔ no baanu nyinaa sosoo daeɛ anadwo korɔ, ɛsono oyi daeɛ ne n’asekyerɛ, na ɛsono oyi nso daeɛ.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛasoso daeɛ, nso obiara nni hɔ a ɔbɛkyerɛ aseɛ. Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nkyerɛaseɛ mfiri Onyankopɔn hɔ anaa? Monka nkyerɛ me ɛ!


Na Onyankopɔn nam anadwo anisoadehunu mu ka kyerɛɛ Israel sɛ: Yakob, Yakob! Na ɔse: Menie.


wamma obi anhom wɔn so, na wɔn nti ɔkaa ahemfo anim:


Daeɛ mu, anadwo adehunu mu, nnahɔɔ a atɔ nnipa soɔ mu, mpa so nnaeɛ mu,


sɛ ɔbɛsane onipa afiri ne nneyɛɛ ho, na wayi ahantan ahunta onipa,


wamma obiara kwan sɛ ɔnhom wɔn so, na wɔn nti ɔkaa ahemfo anim sɛ:


Na Yona firii aseɛ hyɛnee kuro no mu nantee da koro, na ɔpaee sɛ: Aka adaduanan na Ninewe abutu.


Na Onyankopɔn baa Bileam nkyɛn bɛkaa sɛ: Mmarima bɛn na wɔne wo wɔ hɔ yi?


Na ɔredwennwene yeinom ho no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ daeɛ mu sɛ: "Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na deɛ ɔnyem no firi Honhom Kronkron mu.


Na ɔte atemmuo adwa soɔ no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa tenenee no ntam; na ne nti mahunu amane pii ɔdaeɛ mu nnɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan