Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yuda 1:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Nanso Ɔbɔfoɔ panin Mikael ne ɔbonsam dii aperepereɛ kasakasaa Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkaa sɛ: Awurade nka w’anim!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Nanso Ɔbɔfoɔ panin Mikael ne ɔbonsam dii aperepereɛ kasakasaa Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkaa sɛ: Awurade nka w’anim!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔbɔfopanyin Mikael mpo nyɛɛ saa da. Bere a Mikael ne ɔbonsam repere Mose amu so a akasakasa sii wɔn ntam no mpo, wantew ɔbonsam atua, na mmom asɛm a ɔkae ara ne sɛ, “Awurade nka wʼanim.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔbɔfopanin Mikael mpo nyɛɛ saa da. Ɛberɛ a Mikael ne ɔbonsam repere Mose amu so a akasakasa sii wɔn ntam no mpo, wante ɔbonsam atua, na mmom, asɛm a ɔkaeɛ ara ne sɛ, “Awurade nka wʼanim.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Nanso Ɔbɔfo panyin Mikael ne ɔbonsam redi apereapere kasakasae Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkae sɛ: Awurade nka w’anim!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yuda 1:9
16 Iomraidhean Croise  

Na Dawid firii adi baa wɔn anim na ɔbua see wɔn sɛ: Sɛ asomdwoeɛ so na moreba me nkyɛn, sɛ morebɛboa me a, ɛnneɛ mɛnya mo ho akoma pa sɛ yɛbɛyɛ baako. Na sɛ moreba abɛyi me ama m’atamfoɔ, nanso amumuyɛ biara nni me nsam yi, ɛnneɛ yɛn agyanom Nyankopɔn bɛhwɛ na wabu atɛn.


Nka abususɛm ntia Onyankopɔn, na wo man mu panin nso, nnome no.


Na Persia ahemman bapɔmma siankaa me nnawɔtwe mmiɛnsa, na hwɛ, Mikael a ɔyɛ abɔfoɔ atitire no mu baako, ba bɛboaa me, na metenaa hɔ wɔ Persia ahemfo no nkyɛn.


Nanso merekyerɛ wo deɛ wɔakurukyire no nokorɛ nwoma mu, na obiara nni hɔ a ɔbɛgyina asɔ me mu atia yeinom gye Mikael, mo bapɔmma no.


Ɛberɛ no mu na Mikael, ɔbɔfoɔ titire a ɔgyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina. Na ɛbɛyɛ ahohiahia berɛ a ɛfirii sɛ ɔman baeɛ no bɛsi berɛ no soɔ ɛmmaa da, na ɛberɛ no mu na wɔbɛgye wo manfoɔ afiri mu, obiara a wɔbɛhunu sɛ wɔatwerɛ ne din nwoma no mu no.


Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Satan sɛ: AWURADE ntwi w’anim, Satan, na AWURADE a wayi Yerusalem no ntwi w’anim! Oyi nyɛ gyentia a wɔahwim afiri ogya mu?


Na wɔn a wɔretwam no kaa abususɛm tiaa no, wosoo wɔn ti kaa sɛ: Ao, wo a wodwiri asɔredan, na wosi no nnansa nie!


Na ɔsiee no bonhwa mu Moab asase so, Bet-peor ntentensoɔ. Na obiara nnim ne damena de bɛsi nnɛ.


ɛfiri sɛ Awurade no ara de osebɔ, ɔbɔfoɔ panin nne Nyankopɔn totorobɛnto firi soro bɛsiane, na Kristo mu awufoɔ bɛsɔre kane,


Mommfa bɔne nntua bɔne ka, nso mommfa ɔyɛ nntua ɔyɛ ka; na mmom monhyira, ɛfiri sɛ yei mu na wɔafrɛ mo, sɛ mommɛgye nhyira.


Nanso abɔfoɔ a wɔwɔ ahoɔden ne tumi a ɛso no nka nsɛmmɔne mmu wɔn atɛn Awurade anim.


Na ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfoɔ tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfoɔ koe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan