Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yuda 1:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na abɔfoɔ a wɔankora wɔn paninnie, na mmom wɔgyaa wɔn ara wɔn tenaberɛ no, ɔde daa ahoma akyekyere wɔn, akora wɔn esum kabii mu, ama da kɛseɛ no atemmuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na abɔfoɔ a wɔankora wɔn paninnie, na mmom wɔgyaa wɔn ara wɔn tenaberɛ no, ɔde daa ahoma akyekyere wɔn, akora wɔn esum kabii mu, ama da kɛseɛ no atemmuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Monkae abɔfo a wodii tumi traa so ma wogyaw wɔn atenae no. Wɔagu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ sum kabii mu, na Onyankopɔn de wɔn asie retwɛn da kɛse no na wabu wɔn atɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Monkae abɔfoɔ a wɔdii tumi trasoɔ ma wɔgyaa wɔn atenaeɛ no. Wɔagu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ sum kabii mu, na Onyankopɔn de wɔn asie retwɛn ɛda kɛseɛ no, na wabu wɔn atɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na abɔfo a wɔankora wɔn panyinni, na mmom wogyaw wɔn ankasa tenabea no, ɔde daa ahama akyekyere wɔn akora wɔn esum kabii mu ama da kɛse no atemmu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yuda 1:6
12 Iomraidhean Croise  

Nokorɛ mese mo sɛ, atemmuo da no, ɛbɛfanyinam Sodom ne Gomora asase no asene saa kuro no.


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu!


Na hwɛ, wɔteateaa mu sɛ: Ɛdeɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Nyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ worebɛteetee yɛn ansa na ɛberɛ no aduru anaa?


Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


Na w’akoma den ne akoma pirim nti, woreboaboa abufuo ano de atwɛn abufuo ne Nyankopɔn atɛntenenee no adiyie da no.


ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpaninnie ne tumidie ne wiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔnom.


na mmom deɛ aka ne atemmuo akwanhwɛ a ɛyɛ hu bi, ne ogya a ɛrebɛhye atamfoɔ no pasaa.


Na sɛ Onyankopɔn ankora abɔfoɔ a wɔyɛɛ bɔne no, na mmom ɔde esum kabii ahoma kyeree wɔn guu Asamando amanehunu bunu mu, sɛ wɔmfa wɔn nsie atemmuo a,


Awurade nim sɛdeɛ ɔbɛyi wɔn a wɔde fɛreɛ som no afiri sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔntene aso de wɔn asie atemmuo da,


ɛpo asorɔkyeɛ a ɛhuru a ɛpu wɔn ara wɔn aniwuo guo, nsoromma a ɛkyinkyini a wɔde sum kabikabi asie ama wɔn daa.


Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtoo no twenee ogya ne sɔfe tadeɛ no mu, deɛ aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.


Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dada a ɔno ne Ɔbonsam ne Satan no, kyekyeree no mfirinhyia apem,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan