Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yuda 1:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 ebinom nso monhwim wɔn mfiri gya mu nnye wɔn nkwa, na ebinom nso momfa suro nhu wɔn mmɔbɔ, na montane nipasu a ɛte sɛ atadeɛ a nkekaeɛ akeka mu nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 ebinom nso monhwim wɔn mfiri gya mu nnye wɔn nkwa, na ebinom nso momfa suro nhu wɔn mmɔbɔ, na montane nipasu a ɛte sɛ atadeɛ a nkekaeɛ akeka mu nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Montwe wɔn mfi ogya mu nnye wɔn nkwa. Momfa osuro nhu wɔn mmɔbɔ, na munkyi ntade a wɔn bɔne nkekae akeka mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Montwe wɔn mfiri ogya mu nnye wɔn nkwa. Momfa suro nhunu wɔn mmɔbɔ, na monkyiri ntadeɛ a wɔn bɔne nkekaeɛ akeka mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 ebinom nso munhwim wɔn mfi gya mu nnye wɔn nkwa, na ebinom nso momfa osuro nhu wɔn mmɔbɔ, na montan nipasu a ɛte sɛ atade a nkekae akeka mu nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yuda 1:23
21 Iomraidhean Croise  

ɔperee abɔntene bɛn ne ntwea, na ɔsene faa ne fie kwan,


Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ deɛ ne ho nteɛ, na yɛn adetenenee nyinaa te sɛ ntomago afiafi, na yɛn nyinaa kusa sɛ ahahan, na yɛn amumuyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa.


Wɔkeka sɛ anifirafoɔ wɔ mmorɔno so, wɔde mogya agugu wɔn ho fi a enti wɔntumi nka wɔn ntadeɛ.


na deɛ ɔda efie hɔ no nsi ne ntadeɛ, na deɛ ɔdidi fie hɔ no nsi ne ntadeɛ.


Na ntoma biara anaa nwoma biara a ahoba bɛgu mu no, wɔmfa nsuo nsi, na ɛho nte kɔsi anwummerɛ.


Mebutuu mo mu binom sɛdeɛ mebutuu Sodom ne Gomora no, na moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.


sɛ ebia mɛma wɔn a wɔyɛ me mfɛfoɔ Yudafoɔ no atwe ninkunu, na magye wɔn mu binom nkwa.


Mommma wɔnnnaadaa mo! Fekuo bɔne sɛe ɔbra pa.


Sɛ obi adwuma hye a, ɔbɛhwere adeɛ; ɔno ara deɛ wɔbɛgye no nkwa, nanso ɛte sɛ deɛ ɛnam ogya mu.


Na sɛ yɛnim Awurade ho hu nti, yɛkasa kyerɛ nnipa sɛ wɔnhu no saa, na Onyankopɔn deɛ, yɛada adi ama no; na m’ani da so sɛ, yɛada adi wɔ mo ahonim mu nso.


Na sɛ obi antie yɛn asɛm a ɛwɔ nwoma yi mu a, monhyɛ no nso, mo ne no mmmɔ fekuo, na n’ani nwu;


Ma w’ani mmra wo ho ne nkyerɛkyerɛ no so na tena mu, ɛfiri sɛ woyɛ saa a, wobɛgye wo ho ne w’atiefoɔ nkwa.


Na deɛ ɔkyea no no yɛ ne nnwuma bɔne no fafafoɔ.


Na akyinnyegyefoɔ nso monhu wɔn mmɔbɔ,


Metu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔabere ho ogya mu, na woanya ahonya ne atadeɛ fitaa, na woahyɛ, na w’adagya ahohora anna adi, ne aniduro a wode bɛsra w’ani, na woahunu adeɛ.


Nanso wowɔ nnipa kakraa bi a wɔnguu wɔn ntadeɛ ho fi wɔ Sardi, na wɔne me bɛnante ntadeɛ fitaa mu, ɛfiri sɛ wɔfata.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan