Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yuda 1:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 mfa mo ho nsie Nyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu nkɔ daa nkwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 mfa mo ho nsie Nyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu nkɔ daa nkwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 na montena Onyankopɔn dɔ mu bere a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ nʼahummɔbɔ mu ama wama mo nkwa a enni awiei no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 na montena Onyankopɔn dɔ mu ɛberɛ a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ nʼahummɔborɔ mu ama wama mo nkwa a ɛnni awieeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 mfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborohunu nkɔ daa nkwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yuda 1:21
31 Iomraidhean Croise  

Sɛ onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa? Anka m’akodie nna nyinaa mɛtwɛn akɔsi sɛ me nsakyera bɛba.


Na mmara no deɛ, wɔnam Mose so na ɛmaeɛ; na adom ne nokorɛ no deɛ, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbaeɛ.


Deɛ ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno ne deɛ ɔdɔ me; na deɛ ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.


Na ɔbaeɛ na ɔbɛhunuu Nyankopɔn adom no, n’ani gyee, na ɔtuu wɔn nyinaa fo sɛ wɔnsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.


Na sɛdeɛ bɔne dii hene owuo mu no, adom nso nam tenenee so adi hene afa yɛn Awurade Yesu Kristo so kɔ daa nkwa mu.


Na anidasoɔ nhyɛ aniwuo, ɛfiri sɛ wɔnam Honhom Kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Nyankopɔn dɔ agu yɛn akoma mu.


Na bɔne akatua ne owuo; na Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.


anaa ɔsoro, anaa ebunu, anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no mu.


Awurade Yesu Kristo adom, Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron ayɔnkofa nka mo nyinaa.


Na Awurade mma monhunu Nyankopɔn dɔ ne Kristo boasetɔ no mu.


de kɔma Timoteo a ɔyɛ me gyidie mu ɔba nokorɛ mu: Adom, mmɔborɔhunu, ne asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.


Awurade nhunu Onesiforo fie mmɔbɔ, ɛfiri sɛ ɔmaa me ho dwoo me, na n’ani anwu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ho.


Awurade mma no nnya Awurade hɔ mmɔborɔhunu ɛda no! Na som a ɔsomm wɔ Efeso no, wo ara wonim yie.


de kɔma ne dɔba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu, asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu hɔ nka wo!


Deɛ aka a ɛda me hɔ ne tenenee abotire a Awurade, ɔtemmufoɔ tenenee no de bɛma me Ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyie no nyinaa nso bi.


saa ara nso na Kristo a wɔde no bɔɔ afɔdeɛ prɛko sɛ ɔnsoa nnipa bebree bɔne no bɛkwati bɔne ayi ne ho adi ne mprenu soɔ, akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan no, de wɔn akɔ nkwagyeɛ mu.


sɛ motwɛn na morepɛ Nyankopɔn da no ba ntɛm yi? Ɛno mu na ɔsoro bɛsɔ ogya asɛeɛ, na wiem mfitiasedeɛ anane ahye.


Na yɛn deɛ, yɛahunu na yɛagye ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ no yɛn ho no adi. Onyankopɔn ne ɔdɔ, na deɛ ɔte ɔdɔ mu no te Nyankopɔn mu, na Onyankopɔn te no mu.


Yɛnim sɛ obiara a Onyankopɔn awo no no, ɔnyɛ bɔne, na mmom deɛ Onyankopɔn awo no no, ɔhwɛ ne ho so, na ɔbɔnefoɔ no nka no.


Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfiri ahonisom ho.


Yuda, Yesu Kristo akoa, ne Yakobo nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Nyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no:


Na akyinnyegyefoɔ nso monhu wɔn mmɔbɔ,


Na deɛ ɔbɛtumi asɔ mo mu na moansunti, na ɔde mo asi n’animuonyam anim, sɛ nnipa a wɔnni dɛm wɔ ahosan mu no,


Na wɔnam Adwammaa no mogya ne wɔn adanseɛ asɛm no so adi ne so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbɛwuo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan