Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yuda 1:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Yeinom yɛ anwiinwiifoɔ, yɔnafoɔ a wɔdi wɔn ara wɔn akɔnnɔ akyiri, na wɔn ano ka akonkosɛm, na mfasoɔ nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Yeinom yɛ anwiinwiifoɔ, yɔnafoɔ a wɔdi wɔn ara wɔn akɔnnɔ akyiri, na wɔn ano ka akonkosɛm, na mfasoɔ nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Bere biara, saa nnipa yi nwiinwii na wɔde mfomso to afoforo so. Wodi wɔn akɔnnɔ akyi. Wɔhoahoa wɔn ho na wɔdaadaa afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛba abedi wɔn akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛberɛ biara, saa nnipa yi nwiinwii na wɔde mfomsoɔ to afoforɔ so. Wɔdi wɔn akɔnnɔ akyi. Wɔhoahoa wɔn ho na wɔdaadaa afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛba abɛdi wɔn akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Eyinom yɛ anwiinwiifo, nnebɔneyɛfo a, wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi, na wɔn ano ka ahupoosɛm, na mfaso nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yuda 1:16
38 Iomraidhean Croise  

Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ obi anim, na madɛfɛdɛfɛ m’ano mama onipa,


Deɛ ɔnhwɛ atitire anim, na ɔmmu ɔdehyeɛ nsene mmɔborɔni; ɛfiri sɛ ne nsa ano adwuma ne wɔn nyinaa.


Wɔnwiinwii wɔn ntomadan mu, na wɔantie AWURADE asɛm.


Ɔno ara n’ani so ɔbu onipa huhuo animtia, na ɔdi wɔn a wɔsuro AWURADE no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakyera.


Wɔapirim wɔn akoma a wɔnni mmɔborɔhunu biara, wɔde wɔn ano kasa ahantan kasa.


Wɔsi atwetwe na wɔde adwemmɔne ka amimdie asɛm, wɔka akokurokosɛm.


Animhwɛ nyɛ, nso aduane afono ma so mpo na onipa bɛdi asɛmmɔne.


Na wɔn a wɔfom wɔ honhom mu bɛnya nteaseɛ, na anwiinwiifoɔ nso bɛsua adeɛ a wɔkyerɛ afa.


Monntwa atemmuo mu nkontompo. Nhwɛ mmɔborɔni anim, na nyɛ deɛ ɛbɛsɔ otumfoɔ ani; tenenee mu na bu wo yɔnko atɛn.


Na mmarima a Mose soma maa wɔkɔsraa asase no a wɔsane baeɛ na wɔmaa asafo no nyinaa nwiinwii tiaa no sɛ wɔmaa asase no ho atenka bɔne tenneeɛ no,


Enti AWURADE na wo ne w’asafo nyinaa ahyia atia no; na Aaron deɛ, hwan ne no na monwiinwii tia no?


Na adeɛ kyeeɛ no, Israel asafo no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron sɛ: Mo na moakum AWURADE nkurɔfoɔ.


Na Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no nwiinwii kaa sɛ: Oyi gye nnebɔneyɛfoɔ, na ɔne wɔn didi.


Na nkurɔfokuo no hunuiɛ no, wɔn nyinaa nwiinwii kaa sɛ: Ɔrekɔ akɔsoɛ ɔbarima a ɔyɛ debɔneyɛni.


Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nwiinwii kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na mo ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didi na monom yi?


Ɛnna Yudafoɔ no nwiinwii ne ho sɛ waka sɛ: Mene paanoo a ɛsiane firii soro no,


Na Yesu tee nka wɔ ne mu sɛ n’asuafoɔ renwiinwii yei ho no, ɔsee wɔn sɛ: Yei to mo suntidua anaa?


Nso monnnwiinwii sɛdeɛ wɔn mu binom nwiinwiiɛ na ɔsɛefoɔ no bɛsɛee wɔn no.


Na mese: Monnante honhom mu na monnni honam akɔnnɔ akyi.


Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu dea no abɔ honam ne ne nhyɛsodeɛ ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu.


na monwiinwii mo ntomadan mu sɛ: Ɔtane so na AWURADE yii yɛn firii Misraim asase soɔ, sɛ ɔde yɛn rebɛhyɛ Amorifoɔ nsa na wɔasɛe yɛn.


Monkwati huhuhuhu ne akyinnyegyeɛ nyɛ ade nyinaa,


ɛnyɛ akɔnnɔ anibereɛ mu sɛ amanaman mufoɔ a wɔnnim Onyankopɔn no;


mansotwe a ɛsɛ nnipa a wɔn adwene mu asɛeɛ, na nokorɛ abɔ wɔn a wɔsusu sɛ onyamesom pa yɛ adepɛdeɛ.


Na ɛberɛ bi bɛba a wɔrentie nkyerɛkyerɛ pa a ɛyɛ no. Na ɛnam sɛ wɔn aso mu yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfoɔ aboa so, sɛdeɛ wɔn ara wɔn akɔnnɔ teɛ.


Monyɛ sɛ asoɔmmerɛ mma, na monnyɛ mo ho sɛdeɛ kane a monnim biribiara no na mo akɔnnɔ teɛ no,


Adɔfo, metu mo fo sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ, sɛ monyi mo ho mfiri honam akɔnnɔ a ɛne ɔkra ko no ho,


na honam mu asetena berɛ a aka no, wantena ase amma nnipa akɔnnɔ bio, na mmom watena ase ama Nyankopɔn apɛdeɛ.


ne titire no, wɔn a wɔdi honam akyiri, efi ho akɔnnɔ mu, na wɔte tumidie atua. Wɔyɛ aniɛdenfoɔ, ahopɛfoɔ, wɔn ho mpopo sɛ wɔbɛka animuonyam ho nsɛmmɔne.


Na wɔkeka akonkosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a wɔdwane firii wɔn a wɔbɔ nnaadaa bra no mu ɛnkyɛreeɛ.


Monhunu yei kane sɛ, nna a ɛdi akyire no mu, fɛdifoɔ a wɔdi wɔn ara wɔn akɔnnɔ akyire de fɛdie bɛba


abɛbu wɔn nyinaa atɛn, na wabu wɔn mu amumuyɛfoɔ nyinaa atɛn, wɔn amumuyɛdeɛ a wɔyɛeɛ nyinaa ne wɔn atirimuɔdensɛm a nnebɔneyɛfoɔ amumuyɛfoɔ no ka de tiaa no nyinaa ho.


sɛ wɔka kyerɛɛ mo sɛ: Ɛberɛ a ɛdi akyire no mu no, fɛdifoɔ bɛba a wɔbɛdi wɔn ara wɔn amumuyɛ akɔnnɔ akyire.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan