Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yuda 1:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Yeinom yɛ mo dɔ adidie mu nkekaeɛ, wɔne mo redidi, wɔmfɛre adeɛ, wɔyɛne wɔn ho; wɔyɛ mununkum a nsuo nni mu a mframa twetwe kyinkyini, nnua a ɛso nhahan aporeɛ a ɛnni aba, na awu mprenu a ne nhini atutuo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Yeinom yɛ mo dɔ adidie mu nkekaeɛ, wɔne mo redidi, wɔmfɛre adeɛ, wɔyɛne wɔn ho; wɔyɛ mununkum a nsuo nni mu a mframa twetwe kyinkyini, nnua a ɛso nhahan aporeɛ a ɛnni aba, na awu mprenu a ne nhini atutuo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔte sɛ nkekae fi a ɛwɔ onua aduan a ɔne wo di mu a wɔmfɛre ho. Wɔn ani ku wɔn ara wɔn ho. Na wɔte sɛ omununkum a esi na mframa bɔ no, nanso osu ntɔ. Wɔte sɛ nnua a ɛnsow aba asusowbere mu. Wɔte sɛ nnua a wɔatutu ne ntin ama awu koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔte sɛ nkekaeɛ fi a ɛwɔ wo nua aduane a ɔne wo di mu a wɔmfɛre ho. Wɔn ani ku wɔn ara wɔn ho. Na wɔte sɛ omununkum a ɛsi na mframa bɔ no, nanso osuo ntɔ. Wɔte sɛ nnua a ɛnso aba asusɔberɛ mu. Wɔte sɛ nnua a wɔatutu ne nhini ama awu koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Eyinom yɛ mo dɔ adidi mu nkekae, wɔne mo redidi, wɔmfɛre ade, wɔyɛn wɔn ho; wɔyɛ omununkum a nsu nni mu a mframa twetwe kyinkyin, nnua a ɛso nhaban aporow a enni aba na awuwu mprenu a ne ntini atutu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yuda 1:12
35 Iomraidhean Croise  

ɛnneɛ mɛtu mo afiri m’asase a mede memaa mo no so, na efie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛto afiri m’anim atwene, na mede ayɛ ɛbɛ ne ɛfene aman nyinaa mu.


ne nhini mantammantam aboɔkuo ho, ɔhyɛne aboɔ ntam.


Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛso n’aba ne berɛ mu, na n’ahahan mpo, na deɛ ɔyɛ nyinaa bɛwie yie.


na ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ ɛserɛ, na wɔakusa sɛ wura mono a wɔatwa.


Deɛ ɔde akyɛdeɛ a ɔmmaeɛ hoahoa ne ho no te sɛ mununkum ne mframa a osuo nni mu.


Ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛbɛyɛ yie? Ɔrentutu ne nhini, na ɔntwitwa n’aba na atwintwam? Ahahan a ɛfefɛeɛ no nyinaa bɛtwintwam, na ɛnyɛ basa kɛseɛ anaa ɛdɔm bebree na wɔde bɛsɔ ne nhini mu atu no.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne nnwanhwɛfoɔ no anya, na mɛbisa me nnwan no wɔn nsam, na mama wɔagyae nnwanhwɛ adwuma no yɛ, na nnwanhwɛfoɔ no anyɛne wɔn ho bio, na magye me nnwan afiri wɔn anomu, na wɔanyɛ wɔn aduane bio.


Ɛyɛ mo adewa sɛ modidi adidibea pa, na mo adidibea nkaeɛ no, mode mo nan tiatia soɔ? Na monom nsuo a agyene, na mode mo nan hono nkaeɛ no?


Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nnwanhwɛfoɔ, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn, nnwanhwɛfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monnue, Israel nnwanhwɛfoɔ a wɔyɛne wɔn ho no; ɛnyɛ nnwan na nnwanhwɛfoɔ yɛne wɔn?


Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɛsiane sɛ me nnwan adane fomfa adeɛ, na me nnwan adane wiram mmoa nyinaa aduane, ɛnam sɛ wɔnni hwɛfoɔ nti, na me nnwanhwɛfoɔ mmisaa me nnwan akyiri kwan, na mmom nnwanhwɛfoɔ no yɛne wɔn ho, na me nnwan no deɛ, wɔanhwɛ wɔn nti,


Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Efraim? Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Yuda? Na mo adɔeɛ te sɛ anɔpa mununkum, na ɛte sɛ obosuo a ɛrepɛ ntɛm akorɔ.


Na sɛ aboɔ no tutuo ne efie no ho wewerɛ ne ɛho ma akyiri no ntotɔeɛ no sane bɛpue efie no mu,


na owia firiiɛ no, ɛkusae, na ɛsiane sɛ ɛnni nhini nti, ɛhyeeɛ.


Na ɔbuaa sɛ: Dua biara a ɛnyɛ me soro Agya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu.


na owia firiiɛ no, ɛkusaeɛ, ɛsiane sɛ na ɛnni nhini nti, ɛwuiɛ.


Na sɛ akoa no se n’akomam sɛ: Me wura akyɛre ne ba, na ɔfiri aseɛ boro asomfoɔ ne mmaawa no, na ɔdidi na ɔnom boro a,


Na ɔdefoɔ bi tenaa ase a na ɔhyɛ atadeɛ pa a ne boɔ yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gyee n’ani daa.


Na monhwɛ mo ho yie, na adidie mmorosoɔ ne nsaborɔ ne nkwa yi mu nnoɔma ho dadwene ne haw anhyɛ mo akoma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim sɛ fidie,


Na ebi kɔguu ɔbotan so; na ɛfifiriiɛ no, ɛhyee, ɛfiri sɛ ɛnni fonwunu ntira.


na yɛanna so anyɛ mmotafowa a nkyerɛkyerɛ mframa biara woso wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa bradɛtoɔ mu, anifire a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛeɛ mu,


wɔn na wɔn awieeɛ ne ɔsɛeɛ, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn animuonyam wɔ wɔn aniwuo mu, na asase so nnoɔma ho na wɔdwene.


Na deɛ ɔbɔ ahohwie no deɛ, ɔyɛ teaseawuo.


Mommma nkyerɛkyerɛ ahodoɔ ne nsɛm foforɔ mmfa mo nnkyinkyini, na ɛyɛ sɛ wɔde adom hyɛ akoma den, na ɛnyɛ nnuane a wɔn a wɔdiiɛ no nni ho mfasoɔ biara.


Mode asetena fɛfɛ atena asase so, na moabɔ ahohwie, na moayɛne mo akoma sɛ okum da.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan