Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 9:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Wo nkoa ne yɛn. Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwannom ne mo, na ɛhe na mofire?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Wo nkoa ne yɛn. Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwannom ne mo, na ɛhe na mofire?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wobuae se, “Yɛbɛyɛ mo asomfo.” Yosua bisaa wɔn se, “Moyɛ ɛhefo na mufi he?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔbuaa sɛ, “Yɛbɛyɛ mo asomfoɔ.” Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moyɛ ɛhefoɔ na mofiri he?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Wo nkoa ne yɛn. Na Yosua bisaa wɔn sɛ: Henanom ne mo, na ɛhe na mufi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 9:8
9 Iomraidhean Croise  

Na deɛ ɔhwɛ ahemfie no soɔ, ne deɛ ɔdi kuro no soɔ no, mpanimfoɔ ne mmagyegyefoɔ no soma maa wɔkɔɔ Yehu nkyɛn sɛ: Wo nkoa ne yɛn, na deɛ wobɛka akyerɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ; yɛrensi ɔhene biara; yɛ deɛ wopɛ.


Na sɛ ɔbua wo asomdwoeɛ so na ɔhini wo a, ɔman a wobɛhu wɔn hɔ no nyi toɔ mma wo nsom wo.


Ɛnna Gibeonfoɔ no soma maa wɔbaa Yosua nkyɛn Gilgal nsraban no mu sɛ: Nyi wo nsa mfiri wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn bɛgye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifoɔ a wɔte mmepɔ soɔ ahemfo nyinaa abɛhyia atia yɛn.


Na yɛn mpanimfoɔ ne yɛn asase no sofoɔ nyinaa ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Momfa akwansoduane na monkɔ nkɔhyia wɔn, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Mo nkoa ne yɛn, na afei mo ne yɛn nyɛ apam.


Enti afei wɔadome mo, na mo mu na nkoa ne nnuatwafoɔ ne nsusafoɔ a wɔbɛyɛ adwuma ama ne Nyankopɔn fie no bɛfire daa.


Na afei, yɛn nie, yɛwɔ wo nsam, deɛ ɛyɛ na ɛtene w’ani soɔ a wobɛyɛ yɛn no, yɛ!


Na da no ara Yosua de wɔn yɛɛ nnuatwafoɔ ne nsusafoɔ maa asafo no ne AWURADE afɔrebukyia no sɛ ɛntoa so mmɛsi nnɛ yi faako a ɔbɛyie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan