Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 9:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na afei, yɛn nie, yɛwɔ wo nsam, deɛ ɛyɛ na ɛtene w’ani soɔ a wobɛyɛ yɛn no, yɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Na afei, yɛn nie, yɛwɔ wo nsam, deɛ ɛyɛ na ɛtene w’ani soɔ a wobɛyɛ yɛn no, yɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Mprempren yɛdan mo. Nea mususuw sɛ eye ma mo biara no, monyɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Seesei yɛdan mo. Deɛ mosusu sɛ ɛyɛ ma mo biara no, monyɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Na afei, yɛn ni, yɛwɔ wo nsam, nea eye na ɛteɛ w’ani so a wobɛyɛ yɛn no, yɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 9:25
12 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ: Hwɛ, w’afenaa wɔ wo nsam, yɛ no sɛdeɛ ɛyɛ w’ani soɔ. Na Sarai tanee n’ani maa no dwane firii ne nkyɛn.


Na sɛ ɔka sɛ: Mempɛ wo a, hwɛ, menie, ma no nyɛ me sɛdeɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ.


Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hiahia me sɛ! Ma yɛnhwe AWURADE nsa mu ɛ, na ne mmɔborɔhunu dɔɔso; na nnipa nsam na wɔmmma mennhweɛ.


Na deɛ ɔhwɛ ahemfie no soɔ, ne deɛ ɔdi kuro no soɔ no, mpanimfoɔ ne mmagyegyefoɔ no soma maa wɔkɔɔ Yehu nkyɛn sɛ: Wo nkoa ne yɛn, na deɛ wobɛka akyerɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ; yɛrensi ɔhene biara; yɛ deɛ wopɛ.


Me bo fuu me man, meguu m’agyapadeɛ ho fi, na mede wɔn mehyɛɛ wo nsa, woanyi ayamhyehyeɛ ankyerɛ wɔn, nkɔkoraa so mpo womaa wo kɔnnua yɛɛ duru dodo;


Na me deɛ, hwɛ, mewɔ mo nsam, monyɛ me sɛdeɛ ɛyɛ na ɛtene mo ani soɔ.


Na Ɔhene Sedekia kaa sɛ: Hwɛ, ɔwɔ mo nsa mu, na ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo.


Aane, Agya, saa na ɛyɛ anisɔ w’anim.


Na ɔyɛɛ wɔn saa, na ɔyii wɔn firii Israelfoɔ nsam, na wɔanku wɔn.


Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne; wo deɛ, yɛ yɛn sɛdeɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ nyinaa, gyeɛ nko na gye yɛn nnɛ da yi.


Na ɔbaa Sukotfoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ: Hwɛ, Seba ne Salmuna a wɔn nti mosopaa me sɛ: Seba ne Salmuna wɔ wo nsam dada na yɛmma wo mmarima a wɔabrɛ no paanoo no nie?


Ɛnna Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wansi no bi so. Na ɔse: Ɛyɛ AWURADE, deɛ ɛyɛ n’ani soɔ no, ɔnyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan